Esra 6:11 - KYERƐW KRONKRON11 Na me ara na mahyɛ sɛ obiara a ɔbɛdan asɛm yi ani no, eyi nti wonyi ne dan so mpuran, na wɔmmɔ no mfam ho, na ne fi nnan sumina. Viz kapitolaTwerɛ Kronkron11 Mehyɛ bio sɛ, obiara a ɔbɛdane asɛm yi ani no, wɔnyi ne dan so mpuna mma so nsi hɔ, na wɔmmɔ no mfam ho, na ne fie nnane sumina. Viz kapitolaAkuapem Twi Nkwa Asɛm11 Wɔn a wobebu mmara no so wɔ ɔkwan biara so no, wobeyi wɔn adan so mpuran, na wɔde wɔn abobɔ mu, abɔ wɔn mmaa, ama wɔn afi adwiriw, adan sumina siw. Viz kapitolaNew Revised Asante Twi Bible11 Mehyɛ bio sɛ, obiara a ɔbɛdane asɛm yi ani no, wɔnyi ne dan so mpuna mma so nsi hɔ, na wɔmmɔ no mfam ho, na ne fie nnane sumina. Viz kapitolaAsante Twi Nkwa Asɛm11 Wɔn a wɔbɛbu mmara no so wɔ ɛkwan biara so no, wɔbɛyi wɔn adan so mpunan. Na wɔde wɔn abobɔ mu, abɔ wɔn mmaa, ama wɔn afie adwiri, adane nkunkumasie. Viz kapitolaKYERƐW KRONKRON11 Na me ara na mahyɛ sɛ obiara a ɔbɛdan asɛm yi ani no, eyi nti wonyi ne dan so mpuran, na wɔmmɔ no mfam ho, na ne fi nnan sumina. Viz kapitola |