Malaki 2:13 - KYERƐW KRONKRON13 Na nea ɛto so abien yi nso moyɛ: Mode nusu ne osu ne ahomegu kata Awurade afɔremuka so ma ɔnnan mmɛhwɛ ayɛyɛde no, na onnye mo nsam nea ɛsɔ n’ani bio. Viz kapitolaTwerɛ Kronkron13 Na deɛ ɛtɔ so mmienu yi nso moyɛ: Mode nisuo ne esu ne ahomeguo kata AWURADE afɔrebukyia so ma ɔnnane mmɛhwɛ ayɛyɛdeɛ no, nso ɔnnye mo nsam deɛ ɛsɔ n’ani bio. Viz kapitolaAkuapem Twi Nkwa Asɛm13 Ade a moyɛ bio ne sɛ: mode nusu fɔw Awurade afɔremuka no. Mote nusu na mutwa adwo efisɛ ɔnhwɛ mo afɔrebɔde no bio, na ɔmmfa anigye nnye mfi mo nkyɛn. Viz kapitolaNew Revised Asante Twi Bible13 Na deɛ ɛtɔ so mmienu yi nso moyɛ: Mode nisuo ne esu ne ahomeguo kata AWURADE afɔrebukyia so ma ɔnnane mmɛhwɛ ayɛyɛdeɛ no, nso ɔnnye mo nsam deɛ ɛsɔ n’ani bio. Viz kapitolaAsante Twi Nkwa Asɛm13 Adeɛ a moyɛ bio ne sɛ: mode nisuo fɔ Awurade afɔrebukyia no. Mote nisuo na motwa adwo ɛfiri sɛ ɔnhwɛ mo afɔrebɔdeɛ no bio, na ɔmmfa anigyeɛ nnye mfiri mo nkyɛn. Viz kapitolaKYERƐW KRONKRON13 Na nea ɛto so abien yi nso moyɛ: Mode nusu ne osu ne ahomegu kata Awurade afɔremuka so ma ɔnnan mmɛhwɛ ayɛyɛde no, na onnye mo nsam nea ɛsɔ n’ani bio. Viz kapitola |