Luka 20:46 - Asante Twi Nkwa Asɛm46 “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ho. Ɛberɛ biara wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ntadeɛ pa, hwehwɛ sɛ nnipa hu wɔn badwa mu a, wɔde obuo kyea wɔn, na sɛ wɔkɔ asɔredan mu nso a, wɔtena mpanin tenabea. Saa ara nso na sɛ wɔkɔ apontoɔ ase a, wɔtena mpanin tenabea. Viz kapitolaTwerɛ Kronkron46 Monhwɛ mo ho yie Atwerɛfoɔ a wɔpɛ ntadeɛ atentene mu nanteɛ, na wɔpɛ edwa mu nkyea ne mpanimfoɔ nkonnwa hyia adan mu, ne mpanimfoɔ tenabea adidie ase no ho; Viz kapitolaAkuapem Twi Nkwa Asɛm46 “Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ho. Bere biara wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ntade pa, hwehwɛ sɛ nnipa hu wɔn bagua mu a wɔde obu kyia wɔn, na sɛ wɔkɔ asɔredan mu nso a, wɔtena mpanyin tenabea. Saa ara nso na sɛ wɔkɔ aponto ase a, wɔtena mpanyin tenabea. Viz kapitolaNew Revised Asante Twi Bible46 Monhwɛ mo ho yie Atwerɛfoɔ a wɔpɛ ntadeɛ atentene mu nanteɛ, na wɔpɛ edwa mu nkyea ne mpanimfoɔ nkonnwa hyia adan mu, ne mpanimfoɔ tenabea adidie ase no ho; Viz kapitolaKYERƐW KRONKRON46 Monhwɛ mo ho yiye Akyerɛwfo a wɔpɛ ntade atenten mu nantew, na wɔpɛ gua so nkyia ne mpanyin nkongua hyia adan mu ne mpanyin tenabea adidi ase no ho; Viz kapitola |