Daniel 2:41 - Asante Twi Nkwa Asɛm41 Nana, sɛdeɛ wohunu sɛ nantabon ne nansoaa yɛ dadeɛ ne dɔteɛ a adi afra no kyerɛ sɛ, saa ahemman yi mu bɛkyekyɛ. Viz kapitolaAkuapem Twi Nkwa Asɛm41 Nana, sɛnea wuhu sɛ nansabon ne nansoaa yɛ dade ne dɔte a adi afra no kyerɛ sɛ, saa ahemman yi mu bɛkyekyɛ. Viz kapitolaNew Revised Asante Twi Bible41 Na sɛdeɛ wohunuu nan ne nansoaa a emu bi yɛ ɔnwomfoɔ dɔteɛ na emu bi yɛ dadeɛ no, ɛbɛyɛ ahennie a emu apaepaeɛ, nso dadeɛ denyɛ no bɛtena mu, sɛdeɛ wohunuu sɛ dɔteɛ afrafra dadeɛ no mu no. Viz kapitolaKYERƐW KRONKRON41 Na sɛ wuhuu anan ne anansoaa a emu bi yɛ ɔnwemfo fa na emu bi yɛ dade no, ɛbɛyɛ ahenni a emu apaepae, nso dade denyɛ no bɛtena mu, sɛnea wuhui sɛ dɔte afrafra dade no mu no. Viz kapitola |