1 Petro 5 - Apam FoforɔNyankopɔn nnwankuo so hwɛ 1 Me a meyɛ asafo panyini he, metu asafo he mu mpanyimfoɔ fo sɛ, meyɛ Kristo amanehunu he ho dansefoɔ nti n’animuonyam a ɔbɛba he bɛka me. 2 Honyɛne nnwankuo a Nyankopɔn de bɛ ahyɛ ho nsa he, na honnyɔ no nhyɛ so, na mmom honyɔ no dɔ mu, sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ; ɔnyɛ adufudepɛ nti, na mmom akoma pa mu. 3 Honnhyɛ bɛ a bɛde bɛ ahyɛ ho nsa he so, na mmom honyɛ nhwɛso pa mma nnwankuo he. 4 Na sɛ Dwanhwɛfoɔ panyini he ba a, bɛbɛma ho animuonyam ahenkyɛ a ɔnnsɛe da. 5 Saa ne ɔsɛ sɛ mmabunu, hobrɛ ho ho ase ma mpanyimfoɔ. Ho nyinaa mfa ahobrɛaseɛ nkatanim mmɔ ho asene na honsom ho ho ho ho efiri sɛ, “Nyankopɔn si ahantanfoɔ kwane na ɔdom ahobrɛaseɛfoɔ.” 6 Nti hommrɛ ho ho ase nhyɛ Nyankopɔn nsa a tumi ya mu he ase sɛnea ɔbɛyɛ a ɔbɛma ho so berɛ a ɔsɛ mu. 7 Homfa ho dadwene ne ho haw nyinaa nto ne so, efiri sɛ, ɔdwene ho ho. Honsi sɔhwɛfoɔ he kwane 8 Homma ho ani nna hɔ, na honwɛne, efiri sɛ, ho tamfoɔ bronsam he nam sɛ gyata a ɔɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene. 9 Homfa gyidie nnyina hɔ pintinn nsi no kwane efiri sɛ, honim sɛ amanehunu korɔ heaa ne bɛde ato ho nuanom agyidifoɔ a bɛya wiase afanaa nyinaa so sɛ otwa sɛ behu. 10 Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ ho aba ne daa animuonyam he mu Kristo mu he, ɔnoaa ne sɛ ho hu amane kakra, obesiesie ho pɛ; ɔbɛma ho ase atim. Ɔbɛhyɛ ho dene; ɔbɛma ho anya nnyinasoɔ. 11 Ɔno ne tumi yɛ no deɛ daa daa. Amen. Nkradie ne nkyea 12 Me nua gyidini Silwano ne boaa me ma metwerɛɛ saa krataa tiaa yi. Mepɛ sɛ mehyɛ ho nkurane na medi adanseɛ sɛ, yei yɛ Nyankopɔn adom trodoo. Honnyina mu pintinn. 13 Asafo a Nyankopɔn ayi no Babel he ne me ba Marko kyea ho. 14 Homfa dɔ nkyeakyea ho ho ho ho Kristo mu. Asomdwie nka ho a hoya Kristo mu he nyinaa. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana