1 Petro 1 - Apam Foforɔ1 Me Petro, Yesu Kristo somafoɔ, twerɛ saa krataa yi de kɔma Nyankopɔn nnipa a bɛayi bɛ a bɛahwete sɛ ahɔhoɔ kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia amantam mu he. 2 Ɔnam Agya Nyankopɔn botaeɛ so ne beyii ho, na ɔnam ne Honhom so tee ho ho sɛ honyɔ setie mma Yesu Kristo na ɔnam so ama ne mogyaa he ate ho ho. Adom ne asomdwie mmorosoɔ nka ho. Anidasoɔ a ɔya nkwa mu 3 Nhyira nka yɛ Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn; saa Nyankopon yi ne yɛ n’Agya nso. Esiane n’ahummɔborɔ pii nti, ɔnam nyane a onyanee Yesu Kristo firii wuo mu he so maa yɛ nkwa foforɔ. Yei ama yɛanya anidasoɔ a atim, 4 ne agyapadeɛ a ɔmporɔ a ho nni dɛm, na ɔmpa a bɛde asie soro ama ho. 5 Na Nyankopɔn bɛfa ne tumi he so ahwɛ sɛ honam gyidie so benya nkwagyeɛ a bɛasiesie sɛ bebeyi no adi berɛ a odi akyire he mu. 6 Ɔyam sɛ, ebia seesei ɔbɛba sɛ, esiane haw pii a hobɛfa mu he nti, ho werɛ bɛho deɛ, nso homma ho ani nnye saa asɛm yi ho, 7 na ama bɛahu sɛ ho gyidie he yɛ kann, na ɔsombo kyɛne sikakɔkɔɔ mpo. Sikakɔkɔɔ a betumi sɛe no he mpo, bɛde gya sɔ hwɛ, nti ho gyidie a ɔsom bo kyɛne sikakɔkɔɔ he, ɔsɛ sɛ bɛsɔ hwɛ hu sɛ, obetumi agyina anaa. Ɔno akyi ansa na da a Yesu Kristo bɛba he, hoanya animuonyam. 8 Ɔyam sɛ honhu Yesu seesei yi deɛ, nso hodɔ no. Honhuu no da, nso hogye no di, na ho ho siane ho anigyeɛ a onni kabea a animuonyam yam, 9 sɛ honya ho gyidie akatua a ɔyɛ ho kra nkwagyeɛ he. 10 Saa nkwagyeɛ yi ne adiyifoɔ a bɛhyɛɛ adom a hobenya he ho nkɔm he de mmɔdemmɔ hwehwɛɛ mu pɛɛpɛɛ mu yie. 11 Bɛhwehwɛɛ berɛ korɔ ne berɛ ahodoɔ a Kristo honhom a ɔya bɛ mu dii kane daa no adi faa n’amanehunu ne akyire animuonyam a ɔbɛba he ho. 12 Nyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifoɔ he sɛ, ɔnyɛ bɛ ho ne bɛsomeeɛ na mmom ho ne bɛde nnoɔma a asie na bɛɛka ho asɛm he ɔɔsom ho. Na akyire yiaa bɛada Asɛmpa he adi akyerɛ yɛ nyinaa. Saa Honhom Kronkron he a bɛsoma no firii soro he tumi so ne bɛnam kasa kyerɛɛ bɛ; saa tumi heaa so ne bɛnam kasa kyerɛɛ yɛ nso. Yeinom yɛ nnoɔma bi a abɔfoɔ mpo pɛɛ sɛ behu mu. Abrabɔ kronkron 13 Nti honsi ho adwene pi, na homma ho ani nna hɔ. Honnyina yie, na homma ho ani nna adom a bɛde bɛma ho Yesu Kristo ba a ɔbɛba he mu he so. 14 Sɛ hoyɛ asoɔmmerɛ mma yi, ɔnsɛ sɛ homma akɔnnɔ abrabɔ a odii ho so berɛ a na honnim Nyankopɔn he di ho so bio, 15 na mmom, ɔsɛ sɛ hoyɛ kronkron bibiaa a hoyɔ mu sɛnea Nyankopɔn a ɔfrɛɛ ho he yɛ kronkron he, 16 na bɛatwerɛ sɛ, “Ɔsɛ sɛ hoyɛ kronkron, efiri sɛ, meyɛ kronkron.” 17 Na sɛ hofrɛ deɛ ɔnhwɛ nnipa anim, na obu atɛne sɛdeɛ biaa adwuma teɛ he sɛ Agya a, homfa suro mmɔ ho bra ho ahɔhobea tenabea yi mu. 18 Sɛ honim sɛ bɛamfa nnoɔma a ɔporɔ, te sɛ dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ ne gyee ho firii ho abrabɔ hunu a ho nya firii ho agyanom nkyɛne he mu, 19 na mmom, bɛde Kristo a ɔte sɛ adwammaa a onni dɛm ne nkekaeɛ he mogyaa a ne boɔ ɔdene he ne gyee ho. 20 Ansa na Nyankopɔn bɔɔ wiase he, na waayi no dada, na ho nti ne nna a odi akyire yi he, wada no adi. 21 Ɔnam ne so ne hogyee Nyankopɔn a onyanee no firii awufoɔ mu na ɔmaa no animuonyam he diiɛ. Ɔnam so ama ho gyidie ne ho anidasoɔ atim Nyankopɔn mu. 22 Afei a hoayɔ setie ama nɔkorɛ he de adwira ho kra ho ama hoanya nuadɔ a nyaatwom nni mu he, homfiri ho akoma nyinaa mu nnodɔ ho ho. 23 Na bɛamfiri aba a ɔporɔ mu, na mmom befiri nea ɔmporɔ mu, ɔne sɛ bɛnam Nyankopɔn asɛm a ɔte ase na ɔbɛtena hɔ he so ne awo bɛ foforɔ. 24 Sɛnea Twerɛsɛm he ka sɛ, “Nnipa nyinaa te sɛ serɛ; na bɛ animuonyam te sɛ nhwiren. Serɛ he wu ma ne nhwiren he pre gu, 25 nso Awurade asɛm he ya hɔ daa nyinaa.” Yei ne Asɛmpa he a bɛaka akyerɛ ho he. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana