Nnwom 150 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 150 1 Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade wɔ ne kronkronbea; monkamfo no wɔ ɔsoro tumi mu. 2 Monkamfo no wɔ ne tumi mu nneyɛe ho; monkamfo no wɔ ne kɛseyɛ a ɛboro biribiara so no ho. 3 Momfa torobɛnto nnyigyei nkamfo no, momfa asanku ne bɛnta nkamfo no, 4 momfa akasaa ne asaw nkamfo no, momfa sankuten ne atɛntɛbɛn nkamfo no, 5 momfa kyɛnkyɛn mmobɔmu so nkamfo no, momfa kyɛnkyɛn nnyigyei nkamfo no. 6 Momma nea ɛhome nyinaa nkamfo Awurade. Monkamfo Awurade. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.