Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yuda 1:20 - KYERƐW KRONKRON

20 Na mo, adɔfo de, momfa mo ho nsi mo gyidi kronkron no so mmɔ mpae Honhom Kronkron tumi mu

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

20 Na mo, adɔfo deɛ, momfa mo ho nsi mo gyidie kronkron no so mmɔ mpaeɛ Honhom Kronkron tumi mu;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Enti, mo a moyɛ me nnamfonom, mitu mo fo sɛ, monkɔ so mmia mo gyidi mu. Mommɔ mpae wɔ Honhom Kronkron no tumi mu,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

20 Na mo, adɔfo deɛ, momfa mo ho nsi mo gyidie kronkron no so mmɔ mpaeɛ Honhom Kronkron tumi mu;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Enti, mo a moyɛ me nnamfonom, metu mo fo sɛ, monkɔ so mmia mo gyidie mu. Mommɔ mpaeɛ wɔ Honhom Kronkron no tumi mu,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

20 Na mo, adɔfo de, momfa mo ho nsi mo gyidi kronkron no so mmɔ mpae Honhom Kronkron tumi mu

Ver Capítulo Copiar




Yuda 1:20
28 Referencias Cruzadas  

Na mehwie ɔdom ne nkotɔsrɛ honhom magu Dawid fi ne Yerusalemfo so, na wɔahwɛ nea wɔahwirew me mu no, na wɔatue no so su sɛ ɔba koro so su, na wɔabɔ no so abubuw a ɛyɛ yaw ara sɛ abakan so de.


wamma ansono yɛne wɔn, na mmom ɔnam gyidi so tew wɔn komam.


na woabue wɔn ani, na wɔadan afi sum mu aba hann mu, na wɔafi Satan tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔnefakyɛ ne agyapade, wɔn a wogye me di na wɔatew wɔn ho no mu.


Na Onyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na asuafo no dɔe pii Yerusalem, na asɔfo no mu pii nso yɛɛ osetie maa gyidi no.


Ɛnna asafo no nyaa asomdwoe Yudea, Galilea ne Samaria nyinaa, na wonyin kɔɔ so; na wɔnam Awurade suro ne Honhom Kronkron awerɛkyekye mu dɔe.


Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani mma nea eye, na n’ase atim.


Na moannya akoayɛ honhom a mode besuro bio, na mmom moanya abagye honhom a ɛno mu na yɛteɛm sɛ: Abba, Agya!


ɔno ara nso na ɔbɛhyɛ mo den akosi awiei, na mo ho amma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo da no.


Nneɛma nyinaa ho da kwan, na ɛnyɛ ne nyinaa na ɛboa; nneɛma nyinaa ho da kwan, na ɛnyɛ ne nyinaa na ɛma nkɔso.


Na afei adɛn? Mede honhom mɛbɔ mpae, na mede adwene nso mabɔ mpae, mede honhom mɛto dwom, na mede adwene nso mato dwom.


Na afei adɛn, anuanom? Sɛ muhyiam a, mo mu bi wɔ dwom, obi wɔ nkyerɛkyerɛ, obi wɔ kasa bi, obi wɔ adiyi anaasɛ obi wɔ nkyerɛase Momma ne nyinaa nyɛ nea ɛma nkɔso.


Na sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn asoma ne Ba honhom aba mo komam a ɔteɛm sɛ: Abba, agya!


na wɔasesɛw ahotefo no yiye ama ɔsom adwuma no, na Kristo nipadua no si akɔ so,


Ne mu na nipadua no nyinaa ayɛ mua, esiane akwaa horow a aka atoatoam asisi so pɛpɛɛpɛ na biara yɛ n’adwuma yiye nti, na ɛma nipadua no nyin na ɛyɛn ne ho ɔdɔ mu.


Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfi mo anom, na mmom asɛm a eye na ɛma nkɔso a ehia, na wɔde adom wɔn a wɔte no.


na momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefo nyinaa,


sɛ wɔn a wɔagye ntini, na wɔde wɔn asi no so, na wɔayɛ den gyidi mu, sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ mo no, na wɔboro so, aseda mu.


Enti muntutu mo ho fo na obiara mpia ne yɔnko, sɛnea moreyɛ no.


nso wonntie anansesɛm ne anato a enni awiei a ɛho wɔ nsɛmmisa mmom sen Onyankopɔn fiehwɛ a ɛwɔ gyidi mu no.


na ɛma mekae wo gyidi a nkontompo nnim a kan ɛwɔ wo nena Lois ne wo na Eunike mu, na migye midi sɛ ɛwɔ wo nso mu no.


Paulo, Onyankopɔn akoa, ne Yesu Kristo somafo, ma wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidi ne onyamesom pa ho nokware no nimdeɛ,


Woahu sɛ ne gyidi ne ne nnwuma na ɛyɛɛ ade, na efi nnwuma no mu na gyidi no wiee pɛyɛ,


Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafo, de kɔma wɔn a wɔanya gyidi a ne bo yɛ den sɛ yɛn de no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo trenee mu:


Efisɛ biribiara a Onyankopɔn woe no di wiase so nkunim, na nkunim a adi wiase so ne yɛn gyidi.


Adɔfo, esiane sɛ merebɔ mmɔden nyinaa makyerɛw nkwagye a ɛyɛ yɛn nyinaa de no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ mekyerɛw mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidi a wɔde ama ahotefo prɛko no ho.


Sɛ obi fa nnommum a, wɔbɛfa no dommum. Sɛ obi de nkrante kum a, etwa sɛ wɔde nkrante kum no. Ɛha na ahotefo boasetɔ ne gyidi no wɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios