Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 9:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Wo nkoa ne yɛn. Na Yosua bisaa wɔn sɛ: Henanom ne mo, na ɛhe na mufi?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Wo nkoa ne yɛn. Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwannom ne mo, na ɛhe na mofire?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wobuae se, “Yɛbɛyɛ mo asomfo.” Yosua bisaa wɔn se, “Moyɛ ɛhefo na mufi he?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Wo nkoa ne yɛn. Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwannom ne mo, na ɛhe na mofire?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔbuaa sɛ, “Yɛbɛyɛ mo asomfoɔ.” Yosua bisaa wɔn sɛ, “Moyɛ ɛhefoɔ na mofiri he?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Wo nkoa ne yɛn. Na Yosua bisaa wɔn sɛ: Henanom ne mo, na ɛhe na mufi?

Ver Capítulo Copiar




Yosua 9:8
9 Referencias Cruzadas  

Na nea odi ofi no so ne nea odi kurow no so no, mpanyimfo ne mma gyigyefo no soma kɔɔ Yehu nkyɛn sɛ: Wo nkoa ne yɛn, na nea wobɛka akyerɛ yɛn nyinaa, yɛbɛyɛ; yɛrensi ɔhene biara; yɛ nea wopɛ.


Na sɛ obua wo asomdwoe so na ohiɛ wo a, ɔman a wobehu wɔn hɔ no nyi tow mma wo nsom wo.


Na yɛn mpanyimfo ne yɛn asase no sofo nyinaa ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Momfa akwansoduan na monkɔ nkohyia wɔn, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Mo nkoa ne yɛn, na afei mo ne yɛn nyɛ apam.


Na da no ara Yosua de wɔn yɛɛ nnuatwafo ne nsusawfo maa asafo no wɔ faako a ɔbɛpaw, na saa na wɔyɛe ara, de besi nnɛ.


Na afei, yɛn ni, yɛwɔ wo nsam, nea eye na ɛteɛ w’ani so a wobɛyɛ yɛn no, yɛ!


Enti afei wɔadome mo, na mo mu na nkoa ne nnuatwafo ne nsusawfo a wɔbɛyɛ adwuma ama me Nyankopɔn fi no befi daa.


Ɛnna Gibeonfo no soma baa Yosua nkyɛn Gilgal nsra no mu sɛ: Nyi wo nsa mfi wo nkoa so, bra yɛn nkyɛn ntɛm begye yɛn nkwa na di boa yɛn, na Amorifo a wɔte mmepɔw so ahene nyinaa abehyia ahyɛ yɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios