Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 9:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na wosiim baa Yosua nkyɛn nsra mu wɔ Gilgal bɛka kyerɛɛ no ne Israel mma no sɛ: Akyirikyiri asase bi so na yefi bae, na afei mo ne yɛn nyɛ apam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na wɔsii mu baa Yosua nkyɛn nsraban mu wɔ Gilgal bɛka kyerɛɛ no ne Israel mmarima no sɛ: Akyirikyiri asase bi so na yɛfiri baeɛ, na afei mo ne yɛn nyɛ apam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Woduu Israelfo atenae wɔ Gilgal no, wɔka kyerɛɛ Yosua ne Israel mmarima no se, “Yefi akyirikyiri man bi so na aba rebɛsrɛ mo sɛ mo ne yɛn nyɛ asomdwoe apam.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na wɔsii mu baa Yosua nkyɛn nsraban mu wɔ Gilgal bɛka kyerɛɛ no ne Israel mmarima no sɛ: Akyirikyiri asase bi so na yɛfiri baeɛ, na afei mo ne yɛn nyɛ apam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔduruu Israelfoɔ atenaeɛ wɔ Gilgal no, wɔka kyerɛɛ Yosua ne Israel mmarimma no sɛ, “Yɛfiri akyirikyiri ɔman bi so na aba rebɛsrɛ mo sɛ mo ne yɛn nyɛ asomdwoeɛ apam.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na wosiim baa Yosua nkyɛn nsra mu wɔ Gilgal bɛka kyerɛɛ no ne Israel mma no sɛ: Akyirikyiri asase bi so na yefi bae, na afei mo ne yɛn nyɛ apam.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 9:6
9 Referencias Cruzadas  

Na Israelfo no bɔɔ nsra Gilgal, na wodii Twam no, ɔsram no da a ɛto so dunan no anwummere, Yeriko tataw so.


Ɛnna odiyifo Yesaia baa ɔhene Hesekia nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Nnipa yi se dɛn, na ɛhe na wofi baa wo nkyɛn yi? Na Hesekia se: Wofi akyirikyiri asase bi so na ɛbae, wofi Babel.


Nanso ɔhɔho a omfi wo man Israel mu na wo din nti ofi akyirikyiri asase bi so aba,


Na Yosua san baa Gilgal nsra no mu a Israel nyinaa ka ne ho.


Na wose: AWURADE wo Nyankopɔn no din nti na wo nkoa fi akyirikyiri asase bi so aba, efisɛ yɛate ne nka ne nea ɔyɛe Misraim nyinaa,


Na wɔde mpaboa adedaw a wɔasesa kyekyeree wɔn anan, na wɔhyehyɛɛ ntade agowagow, na wɔn akwansoduan nyinaa akyenkyen na agye ntuw.


Na ɔman no foro fii Yordan mu ɔsram a edi kan no da a ɛto so du, na wɔkɔbɔɔ nsra Gilgal, Yeriko apuei hye so.


Ɛnna Gibeonfo no soma baa Yosua nkyɛn Gilgal nsra no mu sɛ: Nyi wo nsa mfi wo nkoa so, bra yɛn nkyɛn ntɛm begye yɛn nkwa na di boa yɛn, na Amorifo a wɔte mmepɔw so ahene nyinaa abehyia ahyɛ yɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios