Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 9:4 - KYERƐW KRONKRON

4 wɔn de, wodii no nyansam, na wɔkɔpɛɛ akwansoduan, na wɔfaa mmɔtɔ adedaw de soasoaa wɔn mfurum, ne nsa nkotoku adedaw a asunsuane na wɔapompam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 wɔn deɛ, wɔdii no nyansam na wɔkɔpɛɛ akwansoduane, na wɔfaa mmɔtɔ adada de soasoaa wɔn mfunumu ne nsa nkotokuo adada a asunsuane na wɔapempam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 wɔfaa nnaadaa kwan so de gyee wɔn ho nkwa. Wɔsomaa ananmusifo kɔɔ Yosua nkyɛn. Wɔde nkotoku a atetew ne mmoa nhoma nsa nkotoku a ayɛ dedaw na wɔatetare mu soaa wɔn mfurum.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 wɔn deɛ, wɔdii no nyansam na wɔkɔpɛɛ akwansoduane, na wɔfaa mmɔtɔ adada de soasoaa wɔn mfunumu ne nsa nkotokuo adada a asunsuane na wɔapempam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 wɔfaa nnaadaa kwan so de gyee wɔn ho nkwa. Wɔsomaa ananmusifoɔ kɔɔ Yosua nkyɛn. Wɔde nkotokuo a atete ne mmoa nwoma nsã nkotokuo a ayɛ dada na wɔatetɛ mu soaa wɔn mfunumu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 wɔn de, wodii no nyansam, na wɔkɔpɛɛ akwansoduan, na wɔfaa mmɔtɔ adedaw de soasoaa wɔn mfurum, ne nsa nkotoku adedaw a asunsuane na wɔapompam.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 9:4
12 Referencias Cruzadas  

Na owura no kamfoo ofiepanyin nitewfo no sɛ wadi no nyansam, eyi mpo kyerɛ sɛ, wiase yi mma wɔ nyansa sen hann mma wɔn mfɛfo mu.


Na obi mfa bobesa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu; anyɛ saa a, bobesa foforo no bɛpaepae nkotoku no, na bobesa no ahwiehwie agu, na nkotoku no nso asɛe. Na wɔde bobesa foforo gu nkotoku foforo mu.


Hwɛ, meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini; enti monyɛ anitew sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmorɔnoma.


Nanso wɔmfa nsa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu; anyɛ saa a, nkotoku no bɛpaepae, na nsa no ahwie agu, na kotoku no asɛe. Na wɔde nsa foforo gu nkotoku foforo mu, na n’abien nyinaa ayɛ yiye.


Na mayɛ sɛ toa a ɛwɔ wusiw mu, nanso me werɛ mfi w’ahyɛde.


Na Yakob mmammarima no kasae de nnaadaa buaa Sekem ne n'agya Hamor, efisɛ wagu wɔn nuabea Dina ho fi,


Na Gibeonfo tee nea Yosua yɛɛ Yeriko ne Ai no,


Na wɔde mpaboa adedaw a wɔasesa kyekyeree wɔn anan, na wɔhyehyɛɛ ntade agowagow, na wɔn akwansoduan nyinaa akyenkyen na agye ntuw.


Na nsa nkotoku yi a yɛhyehyɛɛ no amaama na ɛyɛ foforo no, hwɛ, asunsuane, na ɔkwan no ware a ɛware nti yɛn ntade ne yɛn mpaboa yi asusuw.


Yɛn abodoo ni, ɛda a yɛresim aba mo nkyɛn no, yɛfaa no ɔhyew de fii yɛn afi mu, sɛ yɛrebedi ɔkwan so; na afei, monhwɛ, akyenkyen na agye ntuw.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios