Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 9:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ahene a wɔwɔ Yordan agya ha fam mmepɔw so nyinaa ne Sefela tataw so ne po kɛse no ano nyinaa de kɔ Lebanon ntentenso, Hetifo ne Amorifo, Kanaanfo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo no tee no,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na ahemfo a wɔwɔ Yordan agya ha fam mmepɔ so nyinaa ne Sefela mpaperɛ so ne ɛpo kɛseɛ no ano nyinaa de kɔ Lebanon ntentensoɔ, Hetifoɔ ne Amorifoɔ, Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no teeɛ no,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, ahemfo a wɔwɔ Yordan atɔe fam no nyinaa tee nsɛm a asisi. Eyinom ne Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo ahemfo a na wɔtete mmepɔw nsase a ɛwɔ atɔe fam mmepɔw no ase ne Po Kɛse no mpoano kosi Lebanon atifi fam mmepɔw no so tɔnn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ahemfo a wɔwɔ Yordan agya ha fam mmepɔ so nyinaa ne Sefela mpaperɛ so ne ɛpo kɛseɛ no ano nyinaa de kɔ Lebanon ntentensoɔ, Hetifoɔ ne Amorifoɔ, Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no teeɛ no,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, ahemfo a wɔwɔ Yordan atɔeɛ fam no nyinaa tee nsɛm a asisi. (Yeinom ne Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ ahemfo a na wɔtete mmepɔ nsase a ɛwɔ atɔeɛ fam mmepɔ ayaase ne Ɛpo Kɛseɛ no mpoano kɔsi Lebanon atifi fam mmepɔ so tɔnn.)

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na ahene a wɔwɔ Yordan agya ha fam mmepɔw so nyinaa ne Sefela tataw so ne po kɛse no ano nyinaa de kɔ Lebanon ntentenso, Hetifo ne Amorifo, Kanaanfo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo no tee no,

Ver Capítulo Copiar




Yosua 9:1
32 Referencias Cruzadas  

Na atɔe fam hye no de, ɛpo kɛse a ɛda hɔ ma mo no na ɛnyɛ ɔhye; ɛno na ɛnyɛ mo atɔe fam hye.


Na mise: Meyi mo afi Misraim amanehunu no mu akɔ Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo asase so, asase a nufusu ne wo sen wɔ so no.


Ɛnna Yosua kae sɛ: Eyi na mode behu sɛ Onyankopɔn teasefo no wɔ mo mu, na ɔpam na ɔbɛpam Kanaanfo ne Hetifo ne Hewifo ne Perisifo ne Girgasifo ne Amorifo ne Yebusifo no afi mo anim.


Na me bɔfo no bedi w'anim de wo akodu Amorifo ne Hetifo ne Perisifo ne Kanaanfo ne Hewifo ne Yebusifo so, na matu wɔn magu.


Na mutwaa Yordan baa Yeriko, na Yerikofo ne mo koe, ne Amorifo ne Perisifo ne Kanaanfo ne Hetifo ne Girgasifo ne Hewifo ne Yebusifo; na mede wɔn mehyɛɛ mo nsa.


Monhwɛ, mede ntonto makyɛ amanaman a aka yi ne amanaman a matwitwa agu no nyinaa mu mama mo, sɛ mo mmusuakuw nni so; efi Yordan ano, kodu Po Kɛse no ho, atɔe fam.


Na Manase abusuakuw fa no, Mose de wɔn de maa wɔn Basan, na ɔfa no nso, Yosua de wɔn de maa wɔn wɔn nuanom mu, Yordan agya atɔe hɔ. Na Yosua regya wɔn kwan akɔ wɔn ntamadan mu no, ohyiraa wɔn,


Na afei AWURADE mo Nyankopɔn de mo nuanom atena ase dwoodwoo, sɛnea ɔka kyerɛɛ wɔn no; enti monsan nkɔ mo ntamadan mu, mo agyapade asase a AWURADE akoa Mose de maa mo Yordan agya no so.


Na atɔe hye no ne Po Kɛse no ne ɛho hye. Eyinom ne Yuda hye a atwa ahyia, sɛ wɔn mmusua te.


ne Gebalfo asase, ne Lebanon nyinaa wɔ owiapuei de fi Baal-gad a ɛwɔ Hermon bepɔw ase de kosi Hamat fam;


efi bepɔw a ɛso petee a ɛforo kɔ Seir ho kosi Baal-gad, Lebanon bon no mu, Hermon bepɔw ase. Na wɔn ahene no nyinaa, Yosua faa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn kunkum wɔn.


Na wɔyɛɛ saa, na woyiyii ahene baanum no fii ɔbodan no mu brɛɛ no: Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene ne Eglon hene.


Na Amorifo ahene a wɔwɔ Yordan agya atɔe fam no nyinaa ne Kanaan ahene a wɔwɔ po ano no nyinaa tee sɛ AWURADE ayow Yordan nsu Israelfo no anim akosi sɛ wotwae no, wɔn koma tui a ɔhome bi nni wɔn mu bio Israelfo no anim.


Nso na Yordan ayiri asram ne kɔn so awitwabere na asɔfo a wɔso apam adaka no gyinaa asase kesee so Yordan mfinimfini pintinn, na Israel nyinaa nam asase kesee so twae de kosii sɛ ɔman mu no nyinaa wiee Yordan twa.


nkosi sɛ AWURADE de mo nuanom bɛtena ase sɛ mo, na wɔn nso wobedi asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema wɔn no so ansa na moasan aba mo sodi asase no so abedi so, sɛ AWURADE akoa Mose de maa mo, Yordan agya owiapuei hɔ no.


efi sare no so ne Lebanon yi ho de kosi asu kɛse no, asubɔnten Eufrate ano, Hetifo asase nyinaa de kosi po kɛse no ano wɔ nea owia kɔtɔ hɔ na ɛnyɛ mo hye.


Sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn de wo du asase a worekɔ akɔfa no so, na ɔpam amanaman pii fi w’anim, Hetifo ne Girgasifo ne Amorifo ne Kanaanfo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo, aman ason a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sen wo,


ne Araba tataw a ɛda Yordan agya apuei no nyinaa kodu Araba tataw so po no ano wɔ Pisga ase.


Mesrɛ wo, ma mintwa menkɔhwɛ asase pa a ɛwɔ Yordan agya no, bepɔw asase fɛfɛ no ne Lebanon.


Di nea mehyɛ wo nnɛ yi so. Hwɛ, meretu Amorini ne Kanaanni ne Hetini ne Perisini ne Hewini ne Yebusini no afi w'anim.


Na metwa wo hye mafi mmɛw po ano akosi Filistifo po ano, na afi sare so akosi asu no ano; na meyi asase no sofo mahyɛ mo nsa na woapam wɔn afi w'anim.


Amalek te anafo fam asase so, na Hetifo ne Yebusifo ne Amorifo tete bepɔw so, na Kanaanfo tete mpoano ne Yordan ho.


Na AWURADE dii Yosua akyi, na wɔtee ne nka asase no nyinaa so.


Na Israel mma no ka kyerɛɛ Hewini no sɛ: Ebia yɛn mu na wote; na ɛbɛyɛ dɛn na yɛne wo bɛyɛ apam?


Bepɔw yi ho tena adɔɔ mo so; monnan mo ho ntu nkɔ Amorifo bepɔw ne nsase a ɛbemmɛn ho wɔ Araba tataw so no so, bepɔw so ne tataw so ne nifa fam ne mpoano nyinaa, Kanaanfo asase so ne Lebanon so nkodu asu kɛse, asubɔnten Eufrate, ho.


Na woduu Tiro kurow a ɛyɛ den no ne Hewifo ne Kanaanfo nkurow nyinaa mu. Na wofi hɔ baa Yuda nifa fam wɔ Beer-seba.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios