Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 8:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Ɛnna Yosua gyaa wɔn kwan, na wosiim kɔtɛwee; na wɔtenaa Betel ne Ai ntam, Ai atɔe fam; na Yosua daa ɔman no mu anadwo no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Ɛnna Yosua gyaa wɔn kwan, na wɔsii mu kɔe kɔtɛe. Na wɔtenaa Betel ne Ai ntam, Ai atɔeɛ fam; na Yosua daa ɔman no mu anadwo no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Enti wofii hɔ anadwo no kɔtɛw Bet-El ne Ai atɔe fam ntam. Nanso, Yosua de, ɔkaa nnipa no mu wɔ wɔn atenae hɔ anadwo no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Ɛnna Yosua gyaa wɔn kwan, na wɔsii mu kɔe kɔtɛe. Na wɔtenaa Betel ne Ai ntam, Ai atɔeɛ fam; na Yosua daa ɔman no mu anadwo no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Enti, wɔfirii hɔ anadwo no kɔtɛɛ Bet-El ne Ai atɔeɛ fam ntam. Nanso, Yosua deɛ, ɔkaa nnipa no mu wɔ wɔn atenaeɛ hɔ anadwo no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Ɛnna Yosua gyaa wɔn kwan, na wosiim kɔtɛwee; na wɔtenaa Betel ne Ai ntam, Ai atɔe fam; na Yosua daa ɔman no mu anadwo no.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 8:9
9 Referencias Cruzadas  

Na otutu fii hɔ kɔɔ Betel apuei bepɔw bi so, na osii ne ntamadan, Betel da atɔe, na Ai da apuei; na osii afɔremuka maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE.


Na ayɛyɛde no sen dii n'anim; na ɔno de, ɔtenaa nsra no mu anadwo no.


Betel ne Ai mmarima: Ahanu aduonu abiɛsa.


Betel ne Ai mmarima: Ɔha aduonu abiɛsa.


Na Yosua somaa mmarima bi fi Yeriko kɔɔ Ai a ɛwɔ Bet-awen ho, Betel apuei, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsra asase no. Na mmarima no kɔe kɔsraa Ai.


Na Yosua sɔree anɔpahema siesiee ɔman no, na ɔno ne Israel mpanyimfo foro dii ɔman no anim kɔɔ Ai.


Na ɔde nnipa bɛyɛ sɛ mpemnum kɔtetɛw Betel ne Ai ntam, kurow no atɔe fam.


Na sɛ munya fa kurow no a, monto kurow no mu gya; monyɛ no sɛnea AWURADE ahyɛ no; monhwɛ, ɔhyɛ na mahyɛ mo no.


Ɔde kɔmaa wɔn a wɔwɔ Betel ne wɔn a wɔwɔ Ramot a ɛwɔ nifa ne wɔn a wɔwɔ Yatir,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios