Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 8:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na sɛ munya fa kurow no a, monto kurow no mu gya; monyɛ no sɛnea AWURADE ahyɛ no; monhwɛ, ɔhyɛ na mahyɛ mo no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na sɛ monya fa kuro no a, monto kuro no mu gya; monyɛ no sɛdeɛ AWURADE ahyɛ no; monhwɛ, hyɛ na mahyɛ mo no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Monto kuropɔn no mu gya sɛnea Awurade ahyɛ no. Munim nea ɛsɛ sɛ moyɛ.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na sɛ monya fa kuro no a, monto kuro no mu gya; monyɛ no sɛdeɛ AWURADE ahyɛ no; monhwɛ, hyɛ na mahyɛ mo no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Monto kuropɔn no mu ogya sɛdeɛ Awurade ahyɛ no. Monim deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na sɛ munya fa kurow no a, monto kurow no mu gya; monyɛ no sɛnea AWURADE ahyɛ no; monhwɛ, ɔhyɛ na mahyɛ mo no.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 8:8
12 Referencias Cruzadas  

Nso Absalom ahyɛ ne mmerante sɛ: Monhwɛ na sɛ Amnon nom nsa na n’ani gye na mise mo sɛ: Mommɔ Amnon a, munkum no. Munnsuro, so ɛnyɛ me na mahyɛ mo? Monyɛ den na monyɛ mo ho mmarima.


Na amanaman yi nkurow a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no mu de, mma biribiara a ɛhome nnnya nkwa,


Na wobuaa Yosua sɛ: Nea woahyɛ yɛn nyinaa, yɛbɛyɛ, na baabiara a wosoma yɛn no, yɛbɛkɔ.


Ɛno menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma wo bo nntu anaa? Efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi nea wokɔ nyinaa.


Na kurow no de, wɔde ogya hyewee, ɛne nea ɛwɔ mu nyinaa; emu dwetɛ ne sika, ne kɔbere ne dade nneɛma nko na wɔde beguu AWURADE fi adekorabea no mu.


Na wɔde dɔm no sisii, ɛdɔm a wɔwɔ kurow no benkum fam ne akyiri tɛwfo no a ɛwɔ kurow no atɔe fam no nyinaa; na Yosua kɔɔ obon no mu anadwo no ara;


Na yɛ Ai ne ne hene sɛnea woyɛɛ Yeriko ne ne hene no; emu asade ne mmoa nko na momfom mfa. Fa atɛwfo ma wɔnkɔtɛw kurow no akyi mma wo.


Na eyinom nso fii adi fii kurow no mu behyiaa wɔn, na wɔtɔɔ Israel ntam, eyinom wɔ ha, na eyinom nso wɔ ha; na wokunkum wɔn ara kosii sɛ wɔn mu nnikanfo anaa oguanfo biara anka.


Na Yosua hyew Ai na ɔyɛɛ no daa amamfo siw de besi nnɛ.


Na mo de, monsɔre mfi ɔtɛw no mu, na momfa kurow no, na AWURADE mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa.


Ɛnna Yosua gyaa wɔn kwan, na wosiim kɔtɛwee; na wɔtenaa Betel ne Ai ntam, Ai atɔe fam; na Yosua daa ɔman no mu anadwo no.


Na ɔsoma kohyiaa Abinoam ba Barak fi Kedes-naftali bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: So ɛnyɛ ɔhyɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ: Twiw kɔ Tabor bepɔw so, na fa Naftalifo ne Sebulonfo mu mmarima ɔpedu ka wo ho?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios