Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 8:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na mo de, monsɔre mfi ɔtɛw no mu, na momfa kurow no, na AWURADE mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na mo deɛ, monsɔre mfiri ɔtɛ no mu, na momfa kuro no, na AWURADE mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Afei mubefi mo ahintawee hɔ ntɛm so akɔfa kuropɔn no, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn de bɛma mo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na mo deɛ, monsɔre mfiri ɔtɛ no mu, na momfa kuro no, na AWURADE mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Afei mobɛfiri mo atɛeɛ hɔ ntɛm so akɔfa kuropɔn no, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn de bɛma mo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na mo de, monsɔre mfi ɔtɛw no mu, na momfa kurow no, na AWURADE mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 8:7
6 Referencias Cruzadas  

Na Siria hene sahene Naaman yɛ onipa kɛse ne wura anim, na ɔwɔ anuonyam, efisɛ ɔno so na AWURADE nam gyee Siria; na onipa no yɛ dɔmmarima a otumi, nso ɔyare kwata.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro, na mma wo bo nntu. Fa akofo dɔm no nyinaa ka wo ho, na sɔre foro kɔ Ai. Hwɛ, mede Ai hene ne ne man ne ne kurow ne n’asase mahyɛ wo nsa.


na wobefi adi adi yɛn akyi akosi sɛ yɛbɛtwe wɔn afi kurow no ho; na wɔbɛka sɛ: Wɔreguan afi yɛn anim sɛ kan no; enti yebeguan afi wɔn anim.


Na sɛ munya fa kurow no a, monto kurow no mu gya; monyɛ no sɛnea AWURADE ahyɛ no; monhwɛ, ɔhyɛ na mahyɛ mo no.


Na Dawid kɔɔ so bisaa AWURADE bio. Na AWURADE buaa no sɛ: Sɔre sian kɔ Keila, na me na mede Filistifo no merehyɛ wo nsa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios