Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 8:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ, monkɔtɛw kurow no, kurow no akyi noho; mommma mo ne kurow no ntam nnware bebree, na mo nyinaa nnyina ahoboa mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ, monkɔtɛ kuro no, kuro no akyiri nohoa; mommma mo ne kuro no ntam nnware bebree, na mo nyinaa nnyina ahoboa mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 hyɛɛ wɔn se, “Monkɔtɛw wɔ ahintawee a ɛwɔ kuropɔn no akyi na monyɛ krado mma ɔko.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ, monkɔtɛ kuro no, kuro no akyiri nohoa; mommma mo ne kuro no ntam nnware bebree, na mo nyinaa nnyina ahoboa mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔtɛ wɔ atɛeɛ a ɛwɔ kuropɔn no akyi na monyɛ krado mma ɔko.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ, monkɔtɛw kurow no, kurow no akyi noho; mommma mo ne kurow no ntam nnware bebree, na mo nyinaa nnyina ahoboa mu.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 8:4
14 Referencias Cruzadas  

Ɛnna ɔhene sɔree anadwo no, na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Mɛkyerɛ mo nea Siriafo ayɛ yɛn yi: Wonim sɛ ɔkɔm de yɛn, enti na wɔafi nsram hɔ kɔ sɛ wokohintaw wuram se: Sɛ wofi kurow no mu ba a, yɛakyekyere wɔn animono, na yɛakɔhyɛn kurow no mu.


Na Yeroboam maa atɛwfo buu wɔn ho braka na wɔabefi wɔn akyi. Na wɔwɔ Yuda anim, na atɛwfo no wɔ wɔn akyi.


Nyansa hyɛ onyansafo den sen atamfo du a wɔwɔ kurow mu.


Ɛnna mise: Nyansa ye sen mmaninyɛ, nanso wobu ohiani nyansa animtiaa, na ne nsɛm no, wontie.


Nanso ntie wɔn! Na wɔn mu mmarima bɛboro aduanan retɛw no; na wɔakeka wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi na wɔrennom, gye sɛ wɔakum no ansa; na afei wɔasiesie wɔn ho, na wɔretwɛn sɛ wobɛma ho kwan.


Ɛnna wɔteɛɛm frɛɛ ɔman a wɔwɔ kurow no mu nyinaa sɛ wommetiw wɔn; na wotiw Yosua, na wɔtwee wɔn fii kurow no ho.


Na Yosua sɔree, ɔno ne akofo dɔm no nyinaa, sɛ wɔreforo akɔ Ai. Na Yosua yiyii mmarima akofo ɔpeduasa, na ogyaa wɔn kwan anadwo.


Ɛnna Israel de atɛwfo twaa Gibea ho hyiae.


Na Israel mmarima no nyinaa sɔresɔree fii wɔn afa, na wokotwaa mpasua wɔ Baal-amar. Na Israel atɛwfo no fifii adi fii wɔn afa, Geba bodan no ho.


Na Benyaminfo no huu sɛ wɔaka wɔn agu, na Israel mmarima no bɔɔ twitwi na wɔmaa Benyamin kwan, efisɛ wɔn ani da atɛwfo a wɔama wɔakɔtetɛw Gibea no so.


Na Sekemfo no maa nnipa kɔtɛw no wɔ mmepɔw atifi, na wɔbɔɔ wɔn a wɔbɛfaa wɔn nkyɛn ɔkwan no so nyinaa apoo. Na wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek.


Na afei sɔre anadwo, wo ne ɔman a wɔka wo ho no, na kɔtɛw wuram.


Sɛɛ na asafo AWURADE se: Mahu nea Amalek yɛɛ Israel, sɛnea wofi Misraim reba no wobetwaree wɔn ɔkwan mu.


Na Saul duu Amalek kurokɛse no so, na ɔde atɛwfo sisii obon no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios