Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 8:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na Yosua sɔree anɔpahema siesiee ɔman no, na ɔno ne Israel mpanyimfo foro dii ɔman no anim kɔɔ Ai.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na Yosua sɔree anɔpahema siesiee ɔman no, na ɔno ne Israel mpanimfoɔ foro dii ɔman no anim kɔɔ Ai.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ade kyee anɔpahema no, Yosua nyan nʼakofo ma wɔde wɔn ani kyerɛɛ Ai a Israel ntuanofo ka wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na Yosua sɔree anɔpahema siesiee ɔman no, na ɔno ne Israel mpanimfoɔ foro dii ɔman no anim kɔɔ Ai.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Adeɛ kyee anɔpahema no, Yosua nyanee nʼakodɔm maa wɔde wɔn ani kyerɛɛ Ai a Israel ntuanofoɔ ka wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na Yosua sɔree anɔpahema siesiee ɔman no, na ɔno ne Israel mpanyimfo foro dii ɔman no anim kɔɔ Ai.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 8:10
7 Referencias Cruzadas  

Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n'afurum, na ɔfaa ne mmofra mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na otwaa ɔhyew afɔre nnyina, na osiim kɔɔ nea Onyankopɔn kyerɛɛ no no.


Mayɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase, sɛ medi wo mmara nsɛm so.


Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wotu fii Sitim, na woduu Yordan ano, ɔno ne Israelfo nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wotwae.


Na Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfo no soaa AWURADE adaka no;


Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na ɔde Israel twiw bɛnee abusuakuw abusuakuw; na wɔkyeree Yuda abusuakuw.


Na akofo dɔm a wɔka ne ho nyinaa foro kɔe, na wotwiw bɛnee, na woduu kurow no ntentenso, na wɔbɔɔ nsra Ai benkum fam, na obon wɔ wɔn ne Ai ntam.


Ɛnna Yosua gyaa wɔn kwan, na wosiim kɔtɛwee; na wɔtenaa Betel ne Ai ntam, Ai atɔe fam; na Yosua daa ɔman no mu anadwo no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios