Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 7:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na Kanaanfo ne asase yi sofo nyinaa bɛte, na wɔabetwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afi asase so: Na ɛdɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛse no?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na Kanaanfoɔ ne asase yi sofoɔ nyinaa bɛte, na wɔabɛtwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afiri asase so: Na ɛdeɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛseɛ no?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na sɛ Kanaanfo ne nnipa a wɔaka a wɔtete asase yi so te saa asɛm yi a, wobetwa yɛn ho ahyia na wɔatɔre yɛn afi asase yi so. Na afei dɛn na wobɛyɛ de ahyɛ wo din kɛse a ekura anuonyam no?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na Kanaanfoɔ ne asase yi sofoɔ nyinaa bɛte, na wɔabɛtwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afiri asase so: Na ɛdeɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛseɛ no?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na sɛ Kanaanfoɔ ne nnipa a aka a wɔtete asase yi so te saa asɛm yi a, wɔbɛtwa yɛn ho ahyia na wɔatɔre yɛn ase afiri asase yi so. Na afei ɛdeɛn na wobɛyɛ de ahyɛ wo din kɛseɛ a ɛwɔ animuonyam no?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na Kanaanfo ne asase yi sofo nyinaa bɛte, na wɔabetwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afi asase so: Na ɛdɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛse no?

Ver Capítulo Copiar




Yosua 7:9
19 Referencias Cruzadas  

Ɛdɛn nti na Misraimfo nka sɛ: Adwemmɔne bi nti na obeyii wɔn kɔe sɛ okokum wɔn mmepɔw so na wapra wɔn afi asase ani? San fi w'abufuhyew no mu, na ma bɔne a worebɛyɛ wo man no nyɛ wo yaw.


Wɔka sɛ: Mommra mma yɛntɔre wɔn ase mfi ɔman no mu, na wɔankae Israel din bio.


Agya, hyɛ wo din anuonyam! Ɛnna ɛnne bi fi soro bae sɛ: Mahyɛ no anuonyam dedaw, na mɛhyɛ no bio!


Ma asɔfo, AWURADE asomfo no nsu, ntwironoa ne afɔremuka no ntam, nka sɛ: AWURADE, kyɛe wo man so, na mfa w’agyapade mma ahohora, na amanaman nnnidi wɔn atɛm. Ɛdɛn nti na wɔnka aman mu sɛ: Ɛhe na wɔn Nyankopɔn no wɔ?


nanso me din nti meyɛe na ɛho anhura amanaman a wɔte wɔn mu no anim, efisɛ mema wohuu me, wɔn anim, sɛ merebeyi wɔn mafi Misraim asase so.


na asase a wuyii yɛn fii so no sofo anka sɛ: AWURADE antumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa wɔn ɛho asɛm no so, na ɔtan a ɔtan wɔn nti na ɔde wɔn fi kɔe sɛ okokunkum wɔn sare so.


Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ ɛno de, Misraimfo bɛte, efisɛ wode wo tumi na ayi ɔman yi afi wɔn mu;


Wo kyɛw ni, Awurade, sɛ Israel adan wɔn akyi akyerɛ wɔn atamfo yi, dɛn na menka?


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Sɔre ɛ, ɛdɛn nti na wode w’anim abutuw fam sɛɛ yi?


Na AWURADE din kɛse no nti ɔrempa ne man; na ɛsɔ AWURADE ani sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man.


Onyankopɔn, sɛ wo din te no, saa ara na w’ayeyi te de kosi asase ano ano; trenee ahyɛ wo nsa nifa ma.


Di boa yɛn, yɛn nkwagye Nyankopɔn, wo din anuonyam nti na yi yɛn, na wo din nti kata yɛn bɔne so.


Na wɔde koma koro tu agyina, wo tiri so na wɔpam.


Ɛnyɛ yɛn, AWURADE, ɛnyɛ yɛn, na wo din mmom na anuonyam nka w’adɔe nti, wo nokware nti.


Na me tamfo behu, na aniwu abɛkata no so, ɔno a ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛhe na wo Nyankopɔn no wɔ no? Mede m’ani mɛhwɛ no, afei wobetiatia no so sɛ mmorɔn so dɔte.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios