Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 7:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na Yosua bisaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, ɛdɛn nti na wode ɔman yi twaa Yordan sɛ wode yɛn rebɛhyɛ Amorifo nsa na wɔasɛe yɛn? Yenim a, anka yɛpene tenaa Yordan agya hɔ ara.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na Yosua kaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, adɛn nti na wode ɔman yi twaa Yordan sɛ wode yɛn rebɛhyɛ Amorifoɔ nsa na wɔasɛe yɛn? Yɛnim a, anka yɛpene tenaa Yordan agya hɔ ara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, Yosua su frɛɛ Awurade se, “Otumfo Awurade, adɛn na wode yɛn twaa Asubɔnten Yordan a wunim sɛ Amorifo no bekunkum yɛn? Sɛ yenim a, anka yɛtenaa Asubɔnten Yordan agya hɔ ara.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na Yosua kaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, adɛn nti na wode ɔman yi twaa Yordan sɛ wode yɛn rebɛhyɛ Amorifoɔ nsa na wɔasɛe yɛn? Yɛnim a, anka yɛpene tenaa Yordan agya hɔ ara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, Yosua su frɛɛ Awurade sɛ, “Otumfoɔ Awurade, adɛn na wode yɛn twaa Asubɔnten Yordan a wonim sɛ Amorifoɔ no bɛkunkum yɛn? Sɛ yɛnim a, anka yɛtenaa Asubɔnten Yordan agya hɔ ara.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na Yosua bisaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, ɛdɛn nti na wode ɔman yi twaa Yordan sɛ wode yɛn rebɛhyɛ Amorifo nsa na wɔasɛe yɛn? Yenim a, anka yɛpene tenaa Yordan agya hɔ ara.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 7:7
19 Referencias Cruzadas  

na mo werɛ afi afotu a ɛkasa kyerɛ mo sɛ mma no sɛ: Me ba, mmu Awurade asotwe ade ketewa, nanso oyi wo ntɛn a, mma w'aba mu mmu.


Na Israel hene kae sɛ: Ao, sɛ AWURADE afrɛ ahene baasa yi ahyia sɛ ɔde wɔn rekɔhyɛ Moab nsa!


Na osee wɔn sɛ: Efisɛ mo gyidi sua; na nokware mise mo sɛ, mowɔ gyidi sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ: Twiw fi ha kɔ noho, na ebetwiw, na biribiara nni hɔ a morentumi nyɛ.


Na Yesu kae sɛ: O nnɛ mma a wonni gyidi na moakyea, me ne mo ntena hɔ nkodu da bɛn? Mentɔ me bo ase mma mo nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha!


Mekae m’abotu mu sɛ: Nnipa nyinaa yɛ atorofo.


Na ɛdɛn nti na AWURADE de yɛn reba asase yi so sɛ yɛmmɛtotɔ nkrante ano, na wɔmfa yɛn yerenom ne yɛn mma nnommum? So enye mma yɛn sɛ anka yɛbɛsan akɔ Misraim bio?


Nanso osukɔm dee ɔman no wɔ hɔ; na ɔman no nwiinwii hyɛɛ Mose kae sɛ: Ɛdɛn nti na wuyii yɛn fii Misraim sɛ wode osukɔm rebekum yɛn ne yɛn mma ne yɛn mmoa yi?


Na Israelfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anka AWURADE mma yenwuwu ne nsa ano Misraim asase a yɛtete nam nkutu ho a yedidi mee no so! Na moayi yɛn aba sare yi so sɛ mode ɔkɔm rebekunkum asafo mu yi nyinaa.


Esiane sɛ AWURADE antumi amfa ɔman yi ankɔ asase a ɔkaa wɔn ho ntam no so nti, na wakum wɔn sare so.


Na Yosua sunsuanee ne ntade mu, na ɔde n’anim butuw fam, AWURADE adaka no anim de kosii anwummere, ɔno ne Israel mpanyimfo, na wɔde dɔte guguu wɔn atifi.


Wo kyɛw ni, Awurade, sɛ Israel adan wɔn akyi akyerɛ wɔn atamfo yi, dɛn na menka?


Na Israelfo no kɔ kosui AWURADE anim kosii anwummere, na wobisaa AWURADE se: So mintwiw nkɔ bio na me ne me nua Benyamin mma no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ no so.


Na ɔman no baa nsra no mu no, Israel mpanyin kae sɛ: Ɛdɛn nti na AWURADE ama yɛadi nkogu nnɛ Filistifo anim yi? Momma yɛnkɔfa AWURADE apam adaka no mfi Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmegye yɛn mfi yɛn atamfo nsam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios