Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 7:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na Yosua sunsuanee ne ntade mu, na ɔde n’anim butuw fam, AWURADE adaka no anim de kosii anwummere, ɔno ne Israel mpanyimfo, na wɔde dɔte guguu wɔn atifi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na Yosua sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde n’anim butuu fam, AWURADE adaka no anim de kɔsii anwummerɛ, ɔno ne Israel mpanimfoɔ, na wɔde dɔteɛ guguu wɔn atifi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Yosua ne ɔman ntuanofo no de abasamtu tetew wɔn ntade mu, tow mfutuma guu wɔn tirim, bɔɔ wɔn mu ase, wɔ Awurade Adaka no anim kosii anwummere.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na Yosua sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde n’anim butuu fam, AWURADE adaka no anim de kɔsii anwummerɛ, ɔno ne Israel mpanimfoɔ, na wɔde dɔteɛ guguu wɔn atifi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Yosua ne ɔman ntuanofoɔ de abasamutuo tetee wɔn ntadeɛ mu, too mfuturo guu wɔn tirim, bɔɔ wɔn mu ase, wɔ Awurade Adaka no anim kɔsii anwummerɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na Yosua sunsuanee ne ntade mu, na ɔde n’anim butuw fam, AWURADE adaka no anim de kosii anwummere, ɔno ne Israel mpanyimfo, na wɔde dɔte guguu wɔn atifi.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 7:6
30 Referencias Cruzadas  

Na Ruben san baa abura no so, na hwɛ, Yosef nni abura no mu. Na osunsuanee ne ntade mu,


Ɛnna Yakob sunsuanee ne ntade mu, na ɔde ayitoma bɔɔ n'asen, na osuu ne ba no kyɛe.


Ɛnna Dawid soo n’atade mu suan mu, na mmarima a wɔka ne ho no nyinaa nso yeyɛɛ saa.


Na wotwaa adwo na wosui, na wɔkyen kɔm ara koduu anadwofa maa Saul ne ne ba Yonatan ne AWURADE man ne Israel fi, sɛ wɔatotɔ nkrante ano.


Na da a ɛto so abiɛsa no, hwɛ, ɔbarima bi fi Saul nsra no mu bae, na n’atade asunsuan, na dɔte gu n’atifi; na oduu Dawid nkyɛn no, ɔhwee fam kotow no.


Na Dawid paa Onyankopɔn kyɛw maa abofra no; na Dawid bua dae na ɔkɔɔ mu kɔdaa fam anadwo no.


Ɛnna Tamar sesaw nso guu n’atifi na osunsuanee n’atade nworannworan a ɛhyɛ no no mu na ɔde ne nsa soaa ne ti de benabɔ ara kɔe.


Ɛnna ɔhene sɔre sunsuan ne ntade mu na ɔdaa fam na ne nkoa nyinaa gyinagyina hɔ asunsuan wɔn ntade mu.


Na ɔhene tee mmara nhoma no mu nsɛm no, osunsuanee ne ntade mu.


Na ɔhene tee mmara no mu nsɛm no no, osunsuanee ne ntade mu.


Na Esra rebɔ mpae na ɔde osu ne fam da repae mu ka wɔ Onyankopɔn fi no anim no, Israel mu asafo kɛse pa ara a, mmarima, mmea ne mmofra boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn; na ɔman no suu osu kɛse.


Na ɔsram yi da a ɛto so aduonu anan no, Israelfo no boaa wɔn ho ano hyiae mmuadadi ne ayitam mu, na wɔtwitwaa ntwoma.


Na Mordekai huu nea aba no nyinaa no, osunsuanee ne ntade mu, na ɔde ayitam ne nso kataa ne ho; na ofii adi kɔɔ kurow no mfinimfini, na osuu osu dennen.


Na asase no biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duu hɔ no, nkɔmmɔdi kɛse ne mmuadadi ne osu ne adwotwa baa Yudafo no mu, na nnipa pii dedaa ayitam ne nso mu.


Ɛnna Hiob sɔre sunsuanee n’atade mu, na oyii ne ti, na ɔhwee fam sɔree Onyankopɔn,


Na wofi akyirikyiri momaa wɔn ani so, na wohuu no no, wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno; na wɔmomaa wɔn nne so sui, na wosunsuanee wɔn ntade mu, na wɔtow mfutuma kɔɔ ɔsoro guu wɔn atifi.


Enti na m’ani wu na minu me ho, dɔte ne nso mu.


Sion babea mpanyimfo tete fam ayeyɛ komm; wɔde dɔte agugu wɔn atifi, wɔafurafura ayitam; Yerusalem mmabaa asisi wɔn ti ase.


Na Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔfra asase no srafo no mu no sunsuanee wɔn ntade mu,


Na wɔde wɔn anim butubutuw fam kae sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! So ɔbarima biako bɛyɛ bɔne na wo bo ahuru asafo mu no nyinaa?


Monsɔre mfi asafo yi mu na memmene wɔn afrɛso. Na wɔde wɔn anim butubutuw fam.


Na asomafo Barnaba ne Paulo tee no, wosunsuanee wɔn ntama mu tutuu mmirika kɔɔ nkurɔfokuw no mu teɛɛm sɛ:


Na Yosua bisaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, ɛdɛn nti na wode ɔman yi twaa Yordan sɛ wode yɛn rebɛhyɛ Amorifo nsa na wɔasɛe yɛn? Yenim a, anka yɛpene tenaa Yordan agya hɔ ara.


Na wɔde dɔte guu wɔn atifi, na wɔde osu ne gyam teɛɛm sɛ: Due, due, kurow kɛse yi a n’aboɔdenne nti wɔn a wɔwɔ hyɛn wɔ po so nyinaa anyinya wɔn ho wɔ mu, efisɛ dɔnhwerew biako pɛ mu na wɔayɛ no pasaa.


Na ohuu no no, osunsuanee ne ntade mu kae sɛ: Ao! Me ba, ɔbrɛ na woabrɛ me ase, na worebɛhow me werɛ! Efisɛ mabue m’ano mama AWURADE, na mintumi mensan m’akyi.


Na Israelfo no kɔ kosui AWURADE anim kosii anwummere, na wobisaa AWURADE se: So mintwiw nkɔ bio na me ne me nua Benyamin mma no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ no so.


Ɛnna Israelfo nyinaa ne ɔman no nyinaa siim kɔɔ Betel, na wosui, na wɔtenaa AWURADE anim hɔ dii abuada da no de kosii anwummere, na wɔbobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre AWURADE anim.


Na ɔman no baa Betel bɛtenaa Onyankopɔn anim koduu anwummere, na wɔmomaa wɔn nne so suu osu kɛse.


Na Benyaminni bi fi mpasua no so tutuu mmirika baa Silo da no ara, na n’atade asunsuane, na dɔte gu n’atifi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios