Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 7:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na Ai mmarima no kunkum wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa asia, na wɔtaa wɔn fii Ai kurow pon no akyi de kɔɔ Sebarim, na wɔbobɔɔ wɔn nsianee no mu. Na ɔman no suroe, na wɔn abasa mu tui.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na Ai mmarima no kunkumm wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa nsia, na wɔtaa wɔn Ai kuro pono no akyi de kɔɔ Sebarim, na wɔbobɔɔ wɔn asianee no mu. Na ɔman no akoma tui, na ɛyɛɛ sɛ nsuo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 taa Israelfo no fi kuropɔn no pon ano kosii Sebarim, na wokunkum wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa asia a na wɔreguan afi akono wɔ asiansian bi so. Ɛbaa saa no, ehu bɔɔ Israelfo no ma wɔbotowee.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na Ai mmarima no kunkumm wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa nsia, na wɔtaa wɔn Ai kuro pono no akyi de kɔɔ Sebarim, na wɔbobɔɔ wɔn asianee no mu. Na ɔman no akoma tui, na ɛyɛɛ sɛ nsuo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 taa Israelfoɔ no firi kuropɔn no ɛpono ano kɔsii Sebarim, na wɔkunkumm wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa nsia a na wɔredwane afiri akono wɔ nsianeeɛ bi so. Ɛbaa saa no, ehu bɔɔ Israelfoɔ no ma wɔbotoeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na Ai mmarima no kunkum wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa asia, na wɔtaa wɔn fii Ai kurow pon no akyi de kɔɔ Sebarim, na wɔbobɔɔ wɔn nsianee no mu. Na ɔman no suroe, na wɔn abasa mu tui.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 7:5
10 Referencias Cruzadas  

Wɔahwie me agu sɛ nsu, na me nnompe nyinaa ahunhuan n’akwaa so. Me koma ayɛ sɛ hweawa, anan wɔ me yam.


Wɔbɛyow sɛ nsu a ɛretwe, ma wontiatia wɔn so sɛ sare, na ma wɔnhyew.


Enti nsa nyinaa mu begow, na ɔdesani biara koma bebubu;


Na sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Ɛdɛn so na woresi apini a? Ka sɛ: Akwansosɛm nti, efisɛ ɛreba, na koma nyinaa bɛnan, na nsa nyinaa mu agugow, na honhom nyinaa ano akum, na anankoroma nyinaa adannan nsu; hwɛ, ɛreba na abɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Na mo mu wɔn a wɔbɛka no, mɛma ehu aba wɔn komam wɔ wɔn atamfo nsaase no so, na ahaban a ɛtew huu nne aka wɔn agu na wɔaguan sɛ obi guan fi nkrante ano, na wɔatotɔ, bere a obi ntaa wɔn;


Ao Niniwe, hwɛ sɛ wasi ada mpan, na wayɛ hunu ne amamfo, na wo koma ahodwow, na w’anankoroma hinhim, w’asen mu nyinaa yɛ wo yaw, na w’anim nso asinsiam fitaa.


Na Amorifo a wɔte bepɔw no so no fi behyiaa mo na wɔtaa mo sɛnea nnowa yɛ, na wokunkum mo Seir koduu Horma.


Na yɛate, na yɛn koma atu, na ɔhome bi rensɔre bio obiara mu wɔ mo anim, efisɛ AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno ne Nyankopɔn wɔ nyameso ɔsoro ne asase so ɛfam.


kɔka kyerɛɛ mmarima no sɛ: Minim sɛ AWURADE de asase yi ama mo, na mo ho hu atɔ yɛn so, na asase yi sotefo nyinaa koma tutu mo anim.


Na Amorifo ahene a wɔwɔ Yordan agya atɔe fam no nyinaa ne Kanaan ahene a wɔwɔ po ano no nyinaa tee sɛ AWURADE ayow Yordan nsu Israelfo no anim akosi sɛ wotwae no, wɔn koma tui a ɔhome bi nni wɔn mu bio Israelfo no anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios