Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 7:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na Israelfo rentumi nnyina wɔn atamfo anim, wɔn akyi na wɔbɛdan akyerɛ wɔn atamfo, efisɛ wɔayɛ ahyirade; merenkɔ so minni mo akyi, gye sɛ muyi ahyirade no hɔ fi mo mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na Israelfoɔ no rentumi nnyina wɔn atamfoɔ anim, wɔn akyiri na wɔbɛdane akyerɛ wɔn atamfoɔ, ɛfiri sɛ wɔayɛ ahyiradeɛ. Merenkɔ so menni mo akyi, gye sɛ moyi ahyiradeɛ no hɔ firi mo mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Ɛno nti na Israelfo adi nkogu na wɔreguan afi wɔn atamfo anim. Mprempren de, wɔayi Israel asi hɔ ama ɔsɛe. Merenka mo ho bio, gye sɛ mosɛe biribiara a ɛwɔ mo nkyɛn a anka ɛsɛ sɛ mosɛe no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na Israelfoɔ no rentumi nnyina wɔn atamfoɔ anim, wɔn akyiri na wɔbɛdane akyerɛ wɔn atamfoɔ, ɛfiri sɛ wɔayɛ ahyiradeɛ. Merenkɔ so menni mo akyi, gye sɛ moyi ahyiradeɛ no hɔ firi mo mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɛno enti na Israelfoɔ adi nkoguo na wɔredwane afiri wɔn atamfoɔ anim. Seesei deɛ, wɔayi Israel asi hɔ ama ɔsɛeɛ. Merenka mo ho bio, gye sɛ mosɛe biribiara a ɛwɔ mo nkyɛn a anka ɛsɛ sɛ mosɛe no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na Israelfo rentumi nnyina wɔn atamfo anim, wɔn akyi na wɔbɛdan akyerɛ wɔn atamfo, efisɛ wɔayɛ ahyirade; merenkɔ so minni mo akyi, gye sɛ muyi ahyirade no hɔ fi mo mu.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 7:12
21 Referencias Cruzadas  

na mmom mo amumɔyɛ ne nea ɛma mo ne mo Nyankopɔn ntam pan, na mo bɔne na akata n’ani afi mo ho a enti ontie.


Na AWURADE bo fuw Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ afowfo nsa na wɔfow wɔn, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsa, na wɔantumi annyina wɔn atamfo anim bio.


Ɛnna Amalekfo ne Kanaanfo a wɔte bepɔw no so no sian bae bekunkum wɔn bobɔɔ wɔn pete koduu Horma.


Mo ho yiye ara na monhwɛ nea AWURADE de ne nsa ato so no ho, na moamfa bi, na moamfa Israel nsra no amfa nea AWURADE de ne nsa ato so no amma amane amma so.


Na mfa akyide nkɔ wo fi, na woanyɛ abusude sɛ ɛno; ma ɛnyɛ wo tan na kyi, efisɛ ɛyɛ abusude.


Wo a w’aniwa yɛ kronkron a wuntumi nhwɛ bɔne na wuntumi nhwɛ ɔhaw, ɛdɛn nti na wohwɛ nkɔnkɔnsafo, na ɔbɔnefo mene ɔtreneeni a ɔteɛ sen no a, woyɛ komm?


Na sɛ wɔyɛn wɔn mma po a, mɛma wɔadi awommawu na obi anka; na sɛ metwe me ho mifi wɔn ho a, wonnue ara!


Na sɛ ɔman yi anaa odiyifo anaa ɔsɔfo bi bisa wo sɛ: AWURADE atemmusɛm ne dɛn? A, ɛnne kyerɛ wɔn atemmusɛm ko no, na mesum mo magu, AWURADE asɛm ni.


Yerusalem, ma wɔnteɛ wo so, na me kra antwe amfi wo ho, na mamma woannan amamfo, asase a obiara nte so.


Abɔnefo guan bere a obi ntaa wɔn, na treneefo de, wɔyɛ nnam sɛ gyataforo.


Na AWURADE bɔfo no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfo no nyinaa no, ɔman no maa wɔn nne so sui.


Na Mose kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Israelfo no nyinaa; na ɔman no dii nkɔmmɔ pii.


Na ɔkae sɛ: Filistifo gu wo so, Samson! Na onyan fii ne nna no mu, na ose: Mefi adi sɛ kan no, na mahwanyan me ho. Nso na onnim sɛ AWURADE afi no ho.


Ɛnna Saul kae sɛ: Mo dɔm mu atitiriw nyinaa, muntwiw mmɛn ha, na monhwɛ nhu dekode a enti bɔne yi aba nnɛ.


Woma yɛdan yɛn akyi kyerɛɛ yɛn ahoguanfo, na wɔn a wɔtan yɛn fow yɛn.


Ɛnyɛ wo, Nyankopɔn, na woasum yɛn agu yi, na wo, Nyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ?


Mommforo nnkɔ, na AWURADE nni mo mu, na moantotɔ mo atamfo anim;


na Amalekfo ne Kanaanfo wɔ mo anim hɔ, na mobɛtotɔ nkrante ano; na sɛ moasan afi AWURADE akyi yi, AWURADE nso renni mo akyi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios