Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 7:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Israel ayɛ bɔne, na wɔato m’apam a mehyɛɛ wɔn ho mmara no nso, na wɔafa ahyirade no bi nso, na wɔabɔ korɔn nso, na wɔasiw so nso, na wɔde asie wɔn ade mu nso.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Israel ayɛ bɔne, wɔato m’apam a mehyɛɛ wɔn ho mmara no nso, na wɔafa ahyiradeɛ no bi nso, na wɔabɔ korɔno nso, na wɔasi so nso, na wɔde asie wɔn adeɛ mu nso.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Israel ayɛ bɔne. Wɔabu mʼapam no so. Wɔawia nneɛma a mehyɛɛ sɛ wonnyaw mma me no. Na ɛnyɛ sɛ wɔawia nko, na mmom, wɔatwa ho nkontompo de asie wɔn nneɛma mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Israel ayɛ bɔne, wɔato m’apam a mehyɛɛ wɔn ho mmara no nso, na wɔafa ahyiradeɛ no bi nso, na wɔabɔ korɔno nso, na wɔasi so nso, na wɔde asie wɔn adeɛ mu nso.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Israel ayɛ bɔne. Wɔabu mʼapam no so. Wɔawia nneɛma a mehyɛɛ sɛ wɔnnya mma me no. Na ɛnyɛ sɛ wɔawia nko, na mmom, wɔatwa ho nkontompo de asie wɔn nneɛma mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Israel ayɛ bɔne, na wɔato m’apam a mehyɛɛ wɔn ho mmara no nso, na wɔafa ahyirade no bi nso, na wɔabɔ korɔn nso, na wɔasiw so nso, na wɔde asie wɔn ade mu nso.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 7:11
24 Referencias Cruzadas  

Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn na moadi nokoro sɛ morebɛsɔ Awurade Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, wɔn a wokosiee wo kunu no anan tiatia abobow ano, na wɔbɛsoa wo nso afi adi.


Wose: Kaesare dea. Ɛnna osee wɔn sɛ: Ɛnne momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn!


mama afi adi, asafo Awurade asɛm ni, na abɛhyɛn owifo fi ne nea ɔde me din keka ntanhunu fi, na asoɛ ne fi mfinimfini, na ahyew ɛno ne emu nnua ne abo.


Hwɛ bere bi reba a wɔn nnommumfafo bɛserew wɔn na wɔadi wɔn ho fɛw sɛ: Nea ɔfow nneɛma bebree fa no w’apoobɔ yi bɛkɔ so akosi da bɛn?


Na wɔn de, wɔafom apam so sɛ Adam, ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.


Ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamee da a misusoo wɔn nsa miyii wɔn fii Misraim asase so a wɔn de, wobubuu m’apam bere a meyɛ wɔn wura no, AWURADE asɛm ni.


Asase ho akum wɔ ɛsotefo ase, efisɛ wɔatiatia mmara no so, wɔasakra ahyɛde no na wɔato daa apam no.


efisɛ wɔantie AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔtoo n’apam ne nea AWURADE akoa Mose hyɛe no nyinaa, na wɔantie na wɔanyɛ.


Na AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ Israel, na ɔkae sɛ: Sɛ ɔman yi ato m’apam a mehyɛɛ wɔn agyanom, na wontie me nne yi,


Sɛ mofom AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔhyɛɛ mo no, na mokɔ kɔsom anyame foforo na mosɔre wɔn a, ɛnne AWURADE abufuw bɛdɛw ahyɛ mo, na moasɛe ntɛm afi asase pa a ɔde ama mo no so.


Na Israelfo no too ahyirade no ho mmara, na Serah ba Sabdi Karmi ba Akan a ofi Yuda abusuakuw mu no faa emu bi, AWURADE bo fuw Israelfo


Sɛ wohu wo mu, wo nkurow a ɔde rema wo no biara mu ɔbarima anaa ɔbea bi a ɔyɛ nea enye AWURADE wo Nyankopɔn ani so bu apam so,


Sɛ obi anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a ɛyɛ kusumdi AWURADE akronkronne ho a, ɛnne n'asodi afɔre a ɔmfa mmrɛ AWURADE ne odwennini a odi mu, sɛnea wobɛbɔ ne bo, dwetɛ nnwetɛbona mu, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; na ɛnyɛ asodi ho afɔre.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Sɔre ɛ, ɛdɛn nti na wode w’anim abutuw fam sɛɛ yi?


Ɛnna Saul kae sɛ: Mo dɔm mu atitiriw nyinaa, muntwiw mmɛn ha, na monhwɛ nhu dekode a enti bɔne yi aba nnɛ.


Na oduu koko no ho no, Gehasi gye fii wɔn nsam, na ɔde maa asie ofie, na ogyaa mmarima no kwan ma wɔkɔe.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios