Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 6:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na asɔfo baasɔn nkurakura osebɔ ntorobɛnto ason mfa nni adaka no anim, na ɛda a ɛto so ason no, muntwa kurow no ho nhyia mpɛn asɔn, na asɔfo no nhyɛn ntorobɛnto no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na asɔfoɔ baason nkurakura osebɔ ntotorobɛnto nson mfa nni adaka no anim, na ɛda a ɛtɔ so nson no, montwa kuro no ho nhyia mprɛnson, na asɔfoɔ no nhyɛne ntotorobɛnto no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Asɔfo baason a wokurakura adwennini mmɛn abɛn bedi Adaka no anim. Da a ɛto so ason no, ɛsɛ sɛ mobɔ nsra twa kuropɔn no ho mpɛn ason, a asɔfo no rehyɛn mmɛn no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na asɔfoɔ baason nkurakura osebɔ ntotorobɛnto nson mfa nni adaka no anim, na ɛda a ɛtɔ so nson no, montwa kuro no ho nhyia mprɛnson, na asɔfoɔ no nhyɛne ntotorobɛnto no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Asɔfoɔ baason a obiara kura nnwennini abɛn bɛdi Adaka no anim. Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɛsɛ sɛ mobɔ nsra twa kuropɔn no ho mprɛnson, a asɔfoɔ no rehyɛn nnwennini mmɛn no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na asɔfo baasɔn nkurakura osebɔ ntorobɛnto ason mfa nni adaka no anim, na ɛda a ɛto so ason no, muntwa kurow no ho nhyia mpɛn asɔn, na asɔfo no nhyɛn ntorobɛnto no.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 6:4
33 Referencias Cruzadas  

Na metee nne kɛse bi a efi asɔredan no mu ka kyerɛɛ abɔfo baason no sɛ: Monkɔ nkohwie Onyankopɔn abufuw nkuruwa ason no ngu asase so.


Ɛnyɛ mo de sɛ mobɛko eyi mu, ogyina nko ara na munkogyina, na monhwɛ AWURADE a ɔka mo ho no nkwagye. Yuda ne Yerusalem, munnsuro na mo koma nntutu, ɔkyena mumfi adi nkohyia wɔn, na AWURADE bedi mo akyi.


Na mihuu abɔfo baasɔn a wogyinagyina Onyankopɔn anim no, na wɔmomaa wɔn ntorobɛnto asɔn.


Na ɔne ɔman no tuu agyina, na oyiyii nnwontofo a wɔto AWURADE dwom yi no ayɛ, ahokeka kronkron mu; na wɔrefi adi no, wodii wɔn a wɔamia no anim, na wɔkae sɛ: Monna AWURADE ase, na n’adɔe wɔ hɔ daa.


Na ɔka kyerɛɛ n’abofra sɛ: Foro kɔ kɔhwɛ po fam. Na ɔforo kɔhwɛe, na ɔbɛkae sɛ: Hwee nni hɔ. Na ose: San kɔ mpɛn asɔn.


na ɔsɔfo no mfa ne nsatea nifa mmɔ ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no mu, na ɔmfa ne nsatea nka ngo no bi mpete mpɛn asɔn, AWURADE anim;


Na ateasefo baanan no mu biako maa abɔfo baason no sika nkuruwa ason a wɔde Nyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuw ahyɛ no mama.


Na mihuu sɛnkyerɛnne foforo bi a ɛso na ɛyɛ nwonwa ɔsoro: Abɔfo baason a wokurakura ɔhaw mmusu ason a etwa to no a ɛno na etwa Onyankopɔn abufuw no to.


Na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛnea gyata bom. Na ɔteɛɛm no, aprannaa ason no de wɔn nne kasae.


Na abɔfo baasɔn a wokurakura ntorobɛnto ason no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛn.


Na mehwɛe, na ahengua no ne ateasefo baanan no ntam ne mpanyimfo no ntam no, oguammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛ wɔakum no. Ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason a ɛyɛ Onyankopɔn ahonhom ason a wɔasoma wɔn akɔ asase nyinaa so no.


Na mihuu nhoma bi wɔ nea ɔte ahengua no so no nifa mu a wɔakyerɛw emu ne akyiri, na wɔde nsɔano ason asosɔ ano.


Nsoromma ason a wuhui no me nifa so no ahintasɛm no, ne sika akaneadua ason no: Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo, na akaneadua ason a wuhui no yɛ asafo ason no.


Yohane de kɔma asafo horow ason a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoe mfi nea ɔwɔ hɔ seisei, nea na ɔwɔ hɔ dedaw, nea ɔreba no ne ahonhom ason a ɛwɔ n’ahengua anim,


Na Elisa somaa ɔbɔfo kɔɔ ne nkyɛn sɛ: Kɔ na koguare mpɛn ason Yordan mu, na wo ho bɛsan aba wo ho, na wo ho afi.


Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔremuka ason ma me wɔ ha, na pɛ anantwinini ason ne adwennini ason fa brɛ me ha.


Na obuaa see me sɛ: Eyi ne Awurade asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden so, na mmom me honhom so, asafo Awurade na ose.


na obisaa me sɛ: Dɛn na wuhu yi? Na mise: Mihu, ɔkaneadua a ne nyinaa yɛ sika, na ngo toa taa atifi, na n’akanea ason wowɔ so na adorobɛn ason ason wɔ hɔ ma atifi akanea no.


Na da no wɔbɛhyɛn torobɛnto kɛse, na wɔn a wɔyerae Asaria asase so ne wɔn a wosum wɔn kɔɔ Misraim asase so no aba, na wɔabɛsɔre AWURADE, bepɔw kronkron no so, Yerusalem.


Na afei momfa anantwinini ason ne adwennini asɔn, na monkɔ m’akoa Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyew afɔre mma mo ho, na m’akoa Hiob mmɔ mo ti so mpae, na ne nko anim na mɛhwɛ, na me ne mo anni no mo nkwaseasɛm so, efisɛ moanka me ho asɛm tee sɛ m’akoa Hiob.


Na Lewifo a wofi Kohatfo mma ne Korafo mma mu no sɔree sɛ wɔde ɛnne kɛse pa ara reyi AWURADE Israel Nyankopɔn ayɛ.


Na hwɛ, Onyankopɔn ka yɛn ho di ti, ne n’asɔfo ne osebɔ ntorobɛnto, sɛ wɔde bɛbɔ ose ahyɛ mo. Israel mma, mo ne AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn no, nnko, na ɛrensi mo yiye.


na ɔsɔfo no mfa ne nsatea mmɔ mogya no mu, na ɔmpete mogya no bi mpɛn asɔn, AWURADE anim, kronkronbea ntwamu mmɔhɔɔ no anim.


Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛto so ason no, na ɔtew ho, efisɛ ɛno mu na Onyankopɔn home fii n'adwuma a ɔbɔe na ɔyɛe nyinaa ho.


Na muntwa kurow no ho nhyia; akofo no nyinaa ntwa ho nhyia pɛnkoro. Saa na yɛ nnansia.


Na sɛ wɔhyɛn osebɔ abɛn no na mote torobɛnto no nne a, ɔman no nyinaa nhuro mmɔ ose kɛse, na kurow no ho fasu no bɛhwe fam burum, na ɔman no mforo nkokɔ wɔn anim tee.


na asɔfo baasɔn no kurakura osebɔ ntorobɛnto ason no de di AWURADE adaka no anim, wɔnam na wɔrehyɛn ntorobɛnto no ara, na wɔn a wɔamia no dii wɔn anim, na kyidɔm no dii AWURADE adaka no akyi, wɔnam na wɔhyɛn ntorobɛnto no.


Ɛnna osianee de ne ho kɔbɔɔ Yordan mu mpɛn asɔn, sɛnea Onyankopɔn nipa no asɛm no te; na ne honam san baa mu sɛ abofra ketewa honam, na ne ho fii.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios