Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 6:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne akofofo no mahyɛ wo nsa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne akofoɔ no mahyɛ wo nsa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Mede Yeriko, ɛhɔ hene ne ɛhɔ akofo nyinaa ahyɛ wo nsa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne akofoɔ no mahyɛ wo nsa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Mede Yeriko, ɛhɔ ɔhene ne ɛhɔ akofoɔ nyinaa ahyɛ wo nsa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne akofofo no mahyɛ wo nsa.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 6:2
20 Referencias Cruzadas  

Na ɔde wɔn ahene bɛhyɛ wo nsa, na woasɛe wɔn din afi ɔsoro ase; obiara rentumi nnyina w’anim de bɛkɔ akosi sɛ wobɛsɛe wɔn.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro, na mma wo bo nntu. Fa akofo dɔm no nyinaa ka wo ho, na sɔre foro kɔ Ai. Hwɛ, mede Ai hene ne ne man ne ne kurow ne n’asase mahyɛ wo nsa.


na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ, ampa ara, AWURADE de asase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa, na afei nso asase no sofo nyinaa koma atu wɔ yɛn anim.


kɔka kyerɛɛ mmarima no sɛ: Minim sɛ AWURADE de asase yi ama mo, na mo ho hu atɔ yɛn so, na asase yi sotefo nyinaa koma tutu mo anim.


Na mma no baa so bedii asase no so, na wobrɛɛ asase no sofo, Kanaanfo no, ase wɔn anim, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, ne wɔn ahene ne asase no so amanaman, sɛ wɔnyɛ wɔn sɛnea wɔpɛ.


Awɛmfo agyina so na asɛm yi gyinae, na akronkronfo asɛm so na ade yi si, nea ɛbɛyɛ na ateasefo ahu sɛ: Nea ɔwɔ ɔsorosoro na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na ɔde nnipa mu hobrɛasefo si so.


ɔno na ɔsakra bere ne nna; otu ahene so, na ɔma ahene so; ɔma anyansafo nyansa, na ɔma wɔn a wonni nhumu nimdeɛ;


Na Dawid bisaa AWURADE sɛ. Menkɔ Filistifo no so anaa? So wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ na mede Filistifo no mɛhyɛ wo nsa ampa.


So ɛnyɛ nea wo nyame Kemos de maa wo sɛ di so na wobɛfa adi so anaa? Na ade biara a AWURADE yɛn Nyankopɔn agye ama yɛn sɛ yenni so no, ɛno na yɛbɛfa adi so.


Na AWURADE, Israel Nyankopɔn, de Sihon ne ne man nyinaa hyɛɛ Israel nsa, na wokunkum wɔn, na Israel faa Amorifo a wɔte asase no so no asase nyinaa dii so,


na asase sotefo nyinaa, wommu wɔn hwee, na ɔde ɔsoro asafo ne asase sotefo yɛ sɛnea ɔpɛ, na obi nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa akyene na waka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woyɛ yi?


Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asa, na ɛno de, ebegyina daa.


Ao, ɔhene, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahenni ne kɛseyɛ ne nidi ne anuonyam maa w’agya Nebukadnesar,


Na Yeriko de, wɔato mu na wɔabram ano Israelfo no anim. Obi mfi adi, na obi mma mu.


Na muntwa kurow no ho nhyia; akofo no nyinaa ntwa ho nhyia pɛnkoro. Saa na yɛ nnansia.


Yeriko hene, Ai a ɛwɔ Betel ho hene,


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios