Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 6:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Yeriko de, wɔato mu na wɔabram ano Israelfo no anim. Obi mfi adi, na obi mma mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Yeriko deɛ, na wɔato mu na wɔabram ano Israelfoɔ no anim. Obi mfiri adi, na obi mma mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Wɔtotoo Yeriko apon mu papee, efisɛ na wosuro Israelfo no. Wɔamma obiara kwan ma wankɔ mu anaa wamfi adi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Yeriko deɛ, na wɔato mu na wɔabram ano Israelfoɔ no anim. Obi mfiri adi, na obi mma mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Wɔtotoo Yeriko apono mu pampee, ɛfiri sɛ na wɔsuro Israelfoɔ no. Wɔamma obiara ɛkwan ma wankɔ mu anaa wamfiri adi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Yeriko de, wɔato mu na wɔabram ano Israelfo no anim. Obi mfi adi, na obi mma mu.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 6:1
12 Referencias Cruzadas  

Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔsoma kohyiaa wɔn, efisɛ wɔasopa mmarima no pa ara. Na ɔhene kae sɛ: Montena Yeriko nkosi sɛ mo bogyesɛ befuw ansa na moasan aba.


Na Asaria hene hui sɛ Hosea apam ne tiri so na wasoma abɔfo akɔ Misraim hene So nkyɛn, efisɛ wamfa ayɛyɛde ankɔma Asaria hene sɛ ɔyɛ daa afe no; ɛnna Asaria hene bɛkyeree no kɔtoo nneduadan mu.


Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Elisa, tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Yeriko. Na ose: Sɛ AWURADE te ase na wo kra te ase yi, merennyaw wo. Na woduu Yeriko.


Sɛ AWURADE ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa. Sɛ AWURADE anwɛn kurow no a, ɔwɛmfo si ho pɛ kwa.


na efi Yanoa sian kɔ Atarot ne Naarat, na ɛka Yeriko, na ɛkɔpem Yordan ano.


Na Benyaminfo abusuakuw, sɛ wɔn mmusua te no, nkurow ni: Yeriko, Bet-hogla ne Emek-kesis,


Na Nun ba Yosua somaa mmarima asraafo baanu fi Sitim ahintawee mu sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko. Na wosiim kɔe, na woduu ɔbea aguaman bi a wɔfrɛ no Rahab fi, na wɔdaa hɔ.


na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ, ampa ara, AWURADE de asase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa, na afei nso asase no sofo nyinaa koma atu wɔ yɛn anim.


Na mmarima no tiw wɔn faa Yordan kwan so de kɔɔ atwae; na wɔn a wotiw wɔn no fii adi ara pɛ, na wɔtoo kurow pon no mu.


Na AWURADE dɔm so safohene no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi wo mpaboa fi wo nan, na nea wugyina hɔ yɛ kronkron. Na Yosua yɛɛ saa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne akofofo no mahyɛ wo nsa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios