Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 5:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na wɔn mma na ɔma wɔsɔre sii wɔn ananmu; wɔn na Yosua twitwaa wɔn twetia, na wɔyɛ momonoto, efisɛ wɔantwitwa wɔn twetia ɔkwan no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na wɔn mma na ɔmaa wɔsɔre sii wɔn ananmu; wɔn na Yosua twitwaa wɔn twetia, na wɔyɛ momonoto, ɛfiri sɛ wɔantwitwa wɔn twetia ɔkwan no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Enti Yosua twitwaa wɔn mmabarima a wontwaa wɔn twetia no twetia bere a na wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so no. Eyinom yɛ wɔn a na wɔanyinyin a wotumi si wɔn agyanom anan mu no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na wɔn mma na ɔmaa wɔsɔre sii wɔn ananmu; wɔn na Yosua twitwaa wɔn twetia, na wɔyɛ momonoto, ɛfiri sɛ wɔantwitwa wɔn twetia ɔkwan no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Enti Yosua twitwaa wɔn mmammarima a wɔntwaa wɔn twetia no twetia wɔ ɛberɛ a na wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so no. Yeinom yɛ wɔn a na wɔanyinyini a wɔtumi si wɔn agyanom anan mu no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na wɔn mma na ɔma wɔsɔre sii wɔn ananmu; wɔn na Yosua twitwaa wɔn twetia, na wɔyɛ momonoto, efisɛ wɔantwitwa wɔn twetia ɔkwan no mu.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 5:7
5 Referencias Cruzadas  

Na mo mma nketewa a muse wɔbɛyɛ nnommum ne mo mma a nnɛ wonnim papa ne bɔne no, wɔn na wobedu hɔ, wɔn na mede mɛma wɔn, na wɔn na wobedi so.


Na mo mma a moka sɛ wɔbɛfa wɔn nnommum no, wɔn na mede wɔn mɛkɔ so, na wɔahu asase a moto ho mpe no.


Na mfirihyia aduanan na Israelfo no nantew sare so kosii sɛ akofo a wofi Misraim bae no nyinaa sae korakora, efisɛ wɔantie AWURADE nne ma AWURADE kaa wɔn ntam sɛ wɔrenhu asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no.


Na wowiee ɔman mu no nyinaa twetiatwa no, wɔtenaa wɔn tenabea hɔ nsra no mu kosii sɛ wɔn ho tɔɔ wɔn.


na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛrentumi saa ade yi yɛ, sɛ yɛde yɛn nua bɛma ɔbarima a ɔyɛ momonoto, efisɛ ɛno yɛ ahohora ma yɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios