Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 5:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na mfirihyia aduanan na Israelfo no nantew sare so kosii sɛ akofo a wofi Misraim bae no nyinaa sae korakora, efisɛ wɔantie AWURADE nne ma AWURADE kaa wɔn ntam sɛ wɔrenhu asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Mfirinhyia aduanan na Israelfoɔ no nantee ɛserɛ soɔ kɔsii sɛ akofoɔ a wɔfiri Misraim baeɛ no nyinaa saa korakora, ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE nne maa AWURADE kaa wɔn ntam sɛ wɔrenhunu asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no, asase a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Israelfo no kyinkyinii wɔ sare no so mfe aduanan kosii sɛ mmarima a wotumi ko bere a wɔrefi Misraim no nyinaa wuwui. Efisɛ wɔyɛɛ asoɔden maa Awurade, na ɔkaa ntam sɛ ɔremma wɔn ani nhu asase a waka ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Mfirinhyia aduanan na Israelfoɔ no nantee ɛserɛ soɔ kɔsii sɛ akofoɔ a wɔfiri Misraim baeɛ no nyinaa saa korakora, ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE nne maa AWURADE kaa wɔn ntam sɛ wɔrenhunu asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Israelfoɔ no kyinkyinii wɔ ɛserɛ no so mfeɛ aduanan kɔsii sɛ mmarima a wɔtumi ko wɔ ɛberɛ a wɔrefiri Misraim no nyinaa wuwuiɛ. Ɛfiri sɛ, wɔyɛɛ asoɔden maa Awurade, na ɔkaa ntam sɛ ɔremma wɔn nan rensi asase a waka ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na mfirihyia aduanan na Israelfo no nantew sare so kosii sɛ akofo a wofi Misraim bae no nyinaa sae korakora, efisɛ wɔantie AWURADE nne ma AWURADE kaa wɔn ntam sɛ wɔrenhu asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 5:6
20 Referencias Cruzadas  

ampa ara, wɔrenhu asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn agyanom no, na wɔn a wɔatew me ahi no mu biara nso renhu.


Na nna dodow a yɛde nantew fi Kades-barnea besii sɛ yetwaa Sered subon no si mfirihyia aduasa awotwe, besii sɛ akofofo awo ntoatoaso no nyinaa wiee sa fii nsra no mu, sɛnea AWURADE kaa wɔn ntam no.


sɛnea mekaa ntam m’abufuw mu no: Wɔrenhyɛn me home mu da.


na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma nyinaa mu, wahu wo sare kɛse yi so nantew yi; mfirihyia aduanan yi AWURADE wo Nyankopɔn adi w’akyi, biribiara nhiaa wo ɛ.


Na afe a ɛto so aduanan no, ɔsram a ɛto so dubiako, ɔsram no ara da a edi kan no, Mose kasa kyerɛɛ Israelfo, sɛnea AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa;


Na masian sɛ merebeyi wɔn Misraimfo nsam, na matutu wɔn afi asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛw so, asase a nufusu ne wo sen wɔ so: Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo, Yebusifo tenabea hɔ.


Nanso memaa me nsa so mekyerɛɛ wɔn sare so sɛ meremfa wɔn menkɔ asase a memae a ɛsen nufusu ne ɛwo a ɛyɛ nsaase nyinaa ahyehyɛde no so,


Kɔ na kɔpae mu gu Yerusalem asom sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Mekae wo mmabaabere mu adɔe, w’ayeforobere mu dɔ no, m’akyi a wudii wɔ sare so, wɔ asase a wonnua so ade no so,


Wo ntama ansuw wo ho, na wo nan anhonhon mfirihyia aduanan yi mu.


ɛda no na memaa me nsa so mekyerɛɛ wɔn, sɛ merebeyi wɔn afi Misraim asase so mede wɔn makɔ asase a mepɛe memaa wɔn a ɛsen nufusu ne ɛwo a ɛyɛ nsaase nyinaa ahyehyɛde no so,


Na mise: Meyi mo afi Misraim amanehunu no mu akɔ Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo asase so, asase a nufusu ne wo sen wɔ so no.


Na ɛda no, mmepɔw bɛsosɔ nsamono, na nkoko asen nufusu, na nsu asen Yuda abon nyinaa mu; na nsuaniwa befi AWURADE fi asen, na akɔfɔw Sitim bon no.


Eyinom ne wɔn a Mose ne ɔsɔfo Eleasar kenkan wɔn, ɔkan a wɔkan Israelfo wɔ Moab tataw so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no.


Na ɔman a wofi Misraim bae no nyinaa, wɔatwitwa wɔn twetia, nanso ɔman no a wɔwoo wɔn ɔkwan mu wɔ sare no so, bere a wofi Misraim reba no nyinaa de, na wontwitwaa wɔn twetia ɛ.


Na wɔn mma na ɔma wɔsɔre sii wɔn ananmu; wɔn na Yosua twitwaa wɔn twetia, na wɔyɛ momonoto, efisɛ wɔantwitwa wɔn twetia ɔkwan no mu.


Wokyinkyinii sare so, nkyerekyerewa a ɛso nni kwan so, wɔanhu kurow bi antena mu.


Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, na wo na wobɛkyɛ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede mɛma wɔn no mu ama ɔman yi.


na wosu frɛɛ AWURADE, na ɔde esum kabii too mo ne Misraimfo no ntam, na ɔmaa ɛpo no baa wɔn so bɛkataa wɔn so. Na mo aniwa huu nea meyɛɛ Misraim, na motenaa sare so nna pii.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios