Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 5:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na nea enti a Yosua twitwaa wɔn twetia ne sɛ: Ɔman no a wofi Misraim bae no mu mmarima nyinaa, akofofo no nyinaa wuwui ɔkwan mu wɔ sare no so, bere a wofi Misraim reba no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na deɛ enti a Yosua twitwaa wɔn twetia ne sɛ: Ɔman no a wɔfiri Misraim baeɛ no mu mmarima nyinaa, akofoɔ no nyinaa wuwuu kwan mu wɔ serɛ so, wɔfiri Misraim firiiɛ no akyi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na ɛsɛ sɛ Yosua twitwa wɔn twetia, efisɛ mmarima a na wɔanyinyin a wotumi ko bere a wofii Misraim no nyinaa awuwu wɔ sare no so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na deɛ enti a Yosua twitwaa wɔn twetia ne sɛ: Ɔman no a wɔfiri Misraim baeɛ no mu mmarima nyinaa, akofoɔ no nyinaa wuwuu kwan mu wɔ serɛ so, wɔfiri Misraim firiiɛ no akyi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na ɛsɛ sɛ Yosua twitwa wɔn twetia, ɛfiri sɛ, mmarima a na wɔanyinyini a wɔtumi ko wɔ ɛberɛ a wɔfirii Misraim no nyinaa awuwu wɔ ɛserɛ no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na nea enti a Yosua twitwaa wɔn twetia ne sɛ: Ɔman no a wofi Misraim bae no mu mmarima nyinaa, akofofo no nyinaa wuwui ɔkwan mu wɔ sare no so, bere a wofi Misraim reba no.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 5:4
8 Referencias Cruzadas  

Nanso wɔn mu fa kɛse no ara ansɔ Onyankopɔn ani; na wɔdwɛree wɔn sare so hɔ.


Na akofofo no nyinaa sae na wowuwu fii ɔman no mu no,


Na nna dodow a yɛde nantew fi Kades-barnea besii sɛ yetwaa Sered subon no si mfirihyia aduasa awotwe, besii sɛ akofofo awo ntoatoaso no nyinaa wiee sa fii nsra no mu, sɛnea AWURADE kaa wɔn ntam no.


mmarima no a wohuu m'anuonyam ne me nsɛnkyerɛnne a meyɛe Misraim ne sare so no a wɔasɔ me ahwɛ mpɛn du ni na wɔantie me nne no nyinaa,


Na Yosua yɛɛ twɛrebo asekan de twitwaa Israelfo no twetia Aralot koko so.


Na ɔman a wofi Misraim bae no nyinaa, wɔatwitwa wɔn twetia, nanso ɔman no a wɔwoo wɔn ɔkwan mu wɔ sare no so, bere a wofi Misraim reba no nyinaa de, na wontwitwaa wɔn twetia ɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios