Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 5:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Ɛbere no ara mu na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yɛ twɛrebo asekan, na san twitwa Israelfo no twetia a ɛto so abien.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Saa berɛ no ara na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yɛ twerɛboɔ asekan, na sane twitwa Israelfoɔ no twetia a ɛtɔ so mmienu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Saa bere no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Yɛ kyerɛwbo asekan na fa twa Israelfo no twetia bio.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Saa berɛ no ara na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yɛ twerɛboɔ asekan, na sane twitwa Israelfoɔ no twetia a ɛtɔ so mmienu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Saa ɛberɛ no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Yɛ twerɛboɔ sekammoa na fa twa Israelfoɔ no twetia bio.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Ɛbere no ara mu na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yɛ twɛrebo asekan, na san twitwa Israelfo no twetia a ɛto so abien.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 5:2
8 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Sipora faa twɛrebo de twaa ne ba no twetia, na ɔtow kyenee ne nan ase kae sɛ: Woyɛ mogya ayeforokunu ma me!


na mmom Yudani pa ara ne nea ɔte saa wɔ ne mu, na twetiatwa pa ara ne nea wɔayɛ no komam wɔ honhom mu, na ɛnyɛ nea wɔakyerɛw mu, ɔno na n’ayeyi mfi nnipa, na mmom efi Nyankopɔn.


Na onyaa twetiatwa sɛnkyerɛnne sɛ ne momonotoyɛ mu gyidi a ɔde nyaa trenee no nsɔano, na wayɛ momonotoyɛ mu gyidifo nyinaa agya, na wɔabu trenee no ama wɔn nso,


Enti muntwitwa mo koma twetia, na munnsen mo kɔn bio.


Na AWURADE wo Nyankopɔn betwa wo koma ne w’asefo koma twetia, na wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa adɔ AWURADE wo Nyankopɔn na woanya nkwa.


ɔno mu nso na wɔatwa mo twetia a wɔamfa nsa antwa, na nea ɛwɔ ɔhonam nipadua mu a woyi gu hɔ no, wɔayi no wɔ Kristo twetiatwa mu.


Na Yosua yɛɛ twɛrebo asekan de twitwaa Israelfo no twetia Aralot koko so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios