Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 5:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Amorifo ahene a wɔwɔ Yordan agya atɔe fam no nyinaa ne Kanaan ahene a wɔwɔ po ano no nyinaa tee sɛ AWURADE ayow Yordan nsu Israelfo no anim akosi sɛ wotwae no, wɔn koma tui a ɔhome bi nni wɔn mu bio Israelfo no anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Amorifoɔ ahene a wɔwɔ Yordan agya atɔeɛ fam no nyinaa ne Kanaan ahemfo a wɔwɔ ɛpo ano no nyinaa tee sɛ AWURADE awe Yordan nsuo Israelfoɔ no anim akɔsi sɛ wɔtwaeɛ no, wɔn akoma tui a na ɔhome bi nni wɔn mu bio Israelfoɔ no anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bere a Amorifo ahemfo nyinaa a wɔwɔ Yordan atɔe fam ne Kanaanfo ahemfo a wɔwɔ Po Kɛse no mpoano tee sɛ Awurade ama Asubɔnten Yordan ayow wɔ Israelfo anim ama wɔatwa no, wɔn koma tui, na ehu kyekyeree wɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Amorifoɔ ahene a wɔwɔ Yordan agya atɔeɛ fam no nyinaa ne Kanaan ahemfo a wɔwɔ ɛpo ano no nyinaa tee sɛ AWURADE awe Yordan nsuo Israelfoɔ no anim akɔsi sɛ wɔtwaeɛ no, wɔn akoma tui a na ɔhome bi nni wɔn mu bio Israelfoɔ no anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛberɛ a Amorifoɔ ahemfo nyinaa a wɔwɔ Yordan atɔeɛ fam ne Kanaanfoɔ ahemfo a wɔwɔ Ɛpo Kɛseɛ no mpoano tee sɛ Awurade ama Asubɔnten Yordan awe wɔ Israelfoɔ anim ama wɔatwa no, wɔn akoma tuiɛ na ehu kyekyeree wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Amorifo ahene a wɔwɔ Yordan agya atɔe fam no nyinaa ne Kanaan ahene a wɔwɔ po ano no nyinaa tee sɛ AWURADE ayow Yordan nsu Israelfo no anim akosi sɛ wotwae no, wɔn koma tui a ɔhome bi nni wɔn mu bio Israelfo no anim.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 5:1
32 Referencias Cruzadas  

Na Abram twaam asase no so koduu baabi a wɔfrɛ hɔ Sikem, toaa so koduu More pɔw ho. Nso bere no mu no, na Kanaanfo wɔ asase no so.


Na me de, mama wo asase kakraa bi a ɛboro wo nuanom de so a mede me nkrante ne me tadua migyei Amorifo nsam.


Na ɔhene frɛɛ Gibeonfo no ka kyerɛɛ wɔn, nso Gibeonfo no mfi Israelfo mu na wɔyɛ Amorifo nkae no bi, nso Israelfo aka wɔn ntam, nanso Saul hwehwɛe sɛ okum wɔn, ne mmɔden a ɔbɔ maa Israel ne Yudafo no mu,


ne ne pon so nnuan ne ne nkoa atenae ne n’asomfo gyinabea ne wɔn ntade ne ne nsahyɛfo ne n’aforoe a ɔnam so kɔ AWURADE fi no, ne home tew no, na ɛyɛɛ no nwonwa.


Na wowiee eyinom no, mmapɔmma no baa me nkyɛn sɛ: Israel man ne asɔfo ne Lewifo no ntew wɔn ho mfii nsaase so aman sɛ Kanaanfo, Hetifo, Perisifo, Yebusifo, Amonfo, Moabfo, Misraimfo ne Amorifo akyide ho ɛ,


Amorifo hene Sihon, ne Basan hene Og, ne Kanaan ahenni nyinaa,


Na mɛsoma nkotokurodu adi w'anim, na wɔapam Hewifo ne Kanaanfo ne Hetifo no wɔ w'anim.


Mpoano aman hui, na wosuroe, asase awiei ho popoe. Wɔbɛnee na wɔbae.


na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ Yerusalem ni: W’ase ne w’awo asase ne Kanaanfo asase, w’agya yɛ Amorini, na wo na yɛ Hetini.


Na sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Ɛdɛn so na woresi apini a? Ka sɛ: Akwansosɛm nti, efisɛ ɛreba, na koma nyinaa bɛnan, na nsa nyinaa mu agugow, na honhom nyinaa ano akum, na anankoroma nyinaa adannan nsu; hwɛ, ɛreba na abɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Ɛnna ɔhene anim danee, na n’adwene haw no, na n’asen mu nhama hodwowee, na ne nkotodwe ka boboom biribiri.


Nanso mesɛee wɔn anim Amorini a ne kɛse te sɛ nkyeneduru kɛse, na ne ho yɛ den sɛ adum nnua no, na mesɛee n’aba wɔ soro ne n’ase ntini no;


Amalek te anafo fam asase so, na Hetifo ne Yebusifo ne Amorifo tete bepɔw so, na Kanaanfo tete mpoano ne Yordan ho.


Nanso Manase mma antumi antu nkurow no mufo, na Kanaanfo no pɛɛ asase no so tena.


na mmom bepɔw no nyɛ wo de; ɛwom sɛ ɛyɛ kwae de, nanso bu fa, kosi nea ano bɛka; na Kanaanfo no, sɛ wɔwɔ dade nteaseɛnam na wɔyɛ ahoɔdenfo po a, wubetu wɔn.


Na sɛ ɛnyɛ mo pɛ sɛ mobɛsom AWURADE a, ɛnne ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no mfa: Sɛ anyame a mo agyanom somee a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifo a mote wɔn asase so yi anyame oo, na me ne me fi de, yɛbɛsom AWURADE.


na nsu a efi atifi ba no gyinae bɔɔ kuw biako wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kurow a ɛwɔ Saretan nkyɛn no ho; na nsu a esian kɔ tataw mu po a ɛne Nkyene-Po no mu no twa wiei koraa. Na ɔman no twae Yeriko ntentenso.


Nso na Yordan ayiri asram ne kɔn so awitwabere na asɔfo a wɔso apam adaka no gyinaa asase kesee so Yordan mfinimfini pintinn, na Israel nyinaa nam asase kesee so twae de kosii sɛ ɔman mu no nyinaa wiee Yordan twa.


N’aninyanne no suro nti wobegyinagyina akyiri aka sɛ: Due, due, kurow kɛse Babel, kurow a ɛyɛ den, efisɛ dɔnhwerew biako mu na w’atemmu aba.


Na Yosua wu akyi no, Israelfo bisaa Awurade sɛ: Yɛn mu hena na onni kan ne Kanaanfo nkɔko?


Na afei a AWURADE Israel Nyankopɔn atu Amorifo afi ne man Israel anim yi, wo na wobɛfa adi so anaa?


Filistifo ahemfo baanum no, ne Kanaanfo ne Sidonfo ne Hewifo a wɔte Lebanon bepɔw so de fi Baal-hermon bepɔw ho kosi Hamat ahyɛnee no nyinaa.


Na AWURADE tɔn wɔn hyɛɛ Kanaan hene Yabin a odi hene wɔ Hasor no nsa; na ne safohempanyin ne Sisera; na ɔte Haroset-hagoyim.


Na anɔpa a nsa tetew Nabal ani so no, ne yere kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no, na ne koma gyenee ne yam, na ɔdan sɛ ɔbo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios