Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 4:13 - KYERƐW KRONKRON

13 nnipa bɛyɛ ɔpeduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko na etwa dii AWURADE anim kɔɔ ɔsa, Yeriko tataw so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 nnipa bɛyɛ mpemaduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko na ɛtwa dii AWURADE anim kɔɔ ɔsa, Yeriko mpaperɛ soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Saa akofo yi, na wɔn dodow bɛyɛ mpem aduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Wotwa kɔɔ Yeriko asase so wɔ Awurade anim.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 nnipa bɛyɛ mpemaduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko na ɛtwa dii AWURADE anim kɔɔ ɔsa, Yeriko mpaperɛ soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Saa akofoɔ yi, na wɔn dodoɔ bɛyɛ mpem aduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Wɔtwa kɔɔ Yeriko asase so wɔ Awurade anim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 nnipa bɛyɛ ɔpeduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko na etwa dii AWURADE anim kɔɔ ɔsa, Yeriko tataw so.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 4:13
11 Referencias Cruzadas  

Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛɛ adi asi,


Na Kaldeafo dɔm tiw ɔhene no, na wɔkɔtoo no Yeriko tataw no so, na n’asraafo dɔm nyinaa fii ne ho petee.


Na Kaldeafo dɔm no tiw wɔn, na wɔkɔtoo Sedekia Yeriko tataw mu, na wɔfaa no de no foro kɔɔ Babel hene Nebukadnesar nkyɛn Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na ɔne no yii ntɛn wɔ hɔ.


Na Kaldeafo dɔm tiw ɔhene no, na wɔkɔtoo no Yeriko tataw mu, na ne dɔm nyinaa fii ne ho petee.


Na Israelfo no bɔɔ nsra Gilgal, na wodii Twam no, ɔsram no da a ɛto so dunan no anwummere, Yeriko tataw so.


Enti Onyankopɔn de ɔman no kɔntɔn faa sare so kwan a ɛda mmɛw po ho no so. Na Israelfo no kɔɔ amia mu fii Misraim asase so kɔe.


na yɛn de, yɛamia aso akode mu adi Israelfo anim akosi sɛ yɛde wɔn bedu wɔn tenabea ansa; na yɛn mma ntenatena nkurow a ɛyɛ den no mu asase no sotefo no nti.


Na mehyɛɛ mo saa bere no sɛ: AWURADE mo Nyankopɔn de asase yi ama mo sɛ munni so, mo akofofo nyinaa mmia ntwam nni mo nuanom Israelfo anim;


Na Ruben mma ne Gad mma ne Manase abusuakuw fa no kɔɔ amia mu twa kodii Israelfo no anim, sɛnea Mose ka kyerɛɛ wɔn no,


Da no ara na AWURADE pagyaa Yosua, Israel nyinaa ani so, na wosuroo no sɛnea wosuroo Mose no, ne nkwa nna nyinaa.


Ɛnna Israelfo nyinaa tui, na asafo no ano behyiae sɛ onipa biako, efi Dan kosi Beer-seba, ne Gilead asase, na wɔbaa Mispa, AWURADE nkyɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios