Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 4:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na ɔman no nyinaa wiee otwa no, na AWURADE adaka no nso twae, na asɔfo no kodii ɔman no anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na ɛbaa sɛ ɔman no nyinaa wiee twa no, na AWURADE adaka no nso twaeɛ, na asɔfoɔ no kɔdii ɔman no anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na bere a obiara duu asu no fa hɔ no, asɔfo no nso de Awurade adaka no twa kɔɔ hɔ bi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɛbaa sɛ ɔman no nyinaa wiee twa no, na AWURADE adaka no nso twaeɛ, na asɔfoɔ no kɔdii ɔman no anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Na ɛberɛ a obiara duruu asuo no fa hɔ no, asɔfoɔ no nso de Awurade adaka no tware kɔɔ ɛfa hɔ bi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na ɔman no nyinaa wiee otwa no, na AWURADE adaka no nso twae, na asɔfo no kodii ɔman no anim.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 4:11
7 Referencias Cruzadas  

Na wo de, hyɛ asɔfo a wɔso apam adaka no sɛ: Sɛ mudu Yordan nsu no ano a, munnyina Yordan mu.


Na asɔfo a wɔso AWURADE apam adaka no foro fii Yordan mu na asɔfo no anammɔn besii asase kesee so ara pɛ, na Yordan mu nsu no san baa n’afa, na ɛbɛsram ne kɔn so nyinaa sɛ ɛte kan no.


Nso na Yordan ayiri asram ne kɔn so awitwabere na asɔfo a wɔso apam adaka no gyinaa asase kesee so Yordan mfinimfini pintinn, na Israel nyinaa nam asase kesee so twae de kosii sɛ ɔman mu no nyinaa wiee Yordan twa.


Na asɔfo a wɔso adaka no gyinaa Yordan mu ara de kosii sɛ wowiee asɛm a AWURADE hyɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa, sɛnea Mose hyɛɛ Yosua no nyinaa. Na ɔman no yɛɛ ntɛm twae.


Na Ruben mma ne Gad mma ne Manase abusuakuw fa no kɔɔ amia mu twa kodii Israelfo no anim, sɛnea Mose ka kyerɛɛ wɔn no,


Na mutwaa Yordan baa Yeriko, na Yerikofo ne mo koe, ne Amorifo ne Perisifo ne Kanaanfo ne Hetifo ne Girgasifo ne Hewifo ne Yebusifo; na mede wɔn mehyɛɛ mo nsa.


Na ɛnyɛ ɔhare so na mubefi adi, na ɛnyɛ aguan so na mobɛnantew, na AWURADE redi mo anim, na Israel Nyankopɔn abɔ mo kyidɔm.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios