Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 3:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na wo de, hyɛ asɔfo a wɔso apam adaka no sɛ: Sɛ mudu Yordan nsu no ano a, munnyina Yordan mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na wo deɛ, hyɛ asɔfoɔ a wɔso apam adaka no sɛ: Sɛ moduru Yordan nsuo no ano a, monnyina Yordan mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Fa saa akwankyerɛ yi ma asɔfo a wɔso Apam Adaka no: ‘Sɛ mudu Asubɔnten Yordan nsunoa hɔ a, monnantew nkɔ nsu no mu kakra na munnyina.’ ”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na wo deɛ, hyɛ asɔfoɔ a wɔso apam adaka no sɛ: Sɛ moduru Yordan nsuo no ano a, monnyina Yordan mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Fa saa akwankyerɛ yi ma asɔfoɔ a wɔso Apam Adaka no: ‘Sɛ moduru Asubɔnten Yordan nsunoa hɔ a, monnante nkɔ nsuo no mu kakra na monnyina.’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na wo de, hyɛ asɔfo a wɔso apam adaka no sɛ: Sɛ mudu Yordan nsu no ano a, munnyina Yordan mu.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 3:8
20 Referencias Cruzadas  

Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Yordan ano. Na ose: Sɛ AWURADE te ase na wo kra te ase yi, merennyaw wo. Na wɔn baanu no kɔe.


Na wɔboaboaa wɔn nuanom ano, na wɔyɛɛ wɔn ho kronkron, na wɔbae sɛnea ɔhene hyɛe AWURADE nsɛm so no, sɛ wɔrebɛpopa AWURADE fi no mu.


Na Hesekia kae sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre afɔremuka no so. Na ɛbere a wofii ɔhyew afɔre bɔ no ase no, AWURADE dwom ne ntorobɛntohyɛn nso fii ase Israel hene Dawid asanku no so.


Na ɔhene Hesekia ne mmapɔmma no ka kyerɛɛ Lewifo no sɛ wɔmfa Dawid ne ɔdehwɛfo Asaf nsɛm nyi AWURADE ayɛ. Na wɔde anigye yii no ayɛ, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree.


Na Onyankopɔn nsa baa Yuda nso so sɛ ɔrema wɔn koma koro sɛ wonni ɔhene ne asafohene no ade a wɔde AWURADE asɛm hyɛe no so.


Na misee Lewifo no sɛ wonnwira wɔn ho na wɔmmra mmɛhwɛ apon no ano, na wɔnyɛ homeda no kronkron. Eyi ho nso kae me, me Nyankopɔn, na kora me so sɛ w’adɔe bebree no te.


Na ɔsɔfopanyin Eliasib ba Yoiada mma mu biako ayɛ Horonni Sanbalat sew. Na mepam no fii me so.


Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Munnsuro, munnyina pintinn, na monhwɛ AWURADE nkwagye a ɔde rebɛkyerɛ mo nnɛ, na Misraimfo a muhu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn da biara da bio.


Eye sɛ wɔyɛ komm twɛn AWURADE nkwagye;


Nso na Yordan ayiri asram ne kɔn so awitwabere na asɔfo a wɔso apam adaka no gyinaa asase kesee so Yordan mfinimfini pintinn, na Israel nyinaa nam asase kesee so twae de kosii sɛ ɔman mu no nyinaa wiee Yordan twa.


kɔhyɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ muhu AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ne Lewi asɔfo a wɔso no a, mo nso muntu mfi nea mowɔ hɔ, na munni akyiri;


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ da yi na mefi ase mayɛ wo kɛse Israel nyinaa ani so, na wɔahu sɛ, sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi.


Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: Muntwiw mmra ha, na muntie AWURADE mo Nyankopɔn nsɛm.


Na ɔman no nyinaa wiee otwa no, na AWURADE adaka no nso twae, na asɔfo no kodii ɔman no anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios