Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 3:3 - KYERƐW KRONKRON

3 kɔhyɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ muhu AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ne Lewi asɔfo a wɔso no a, mo nso muntu mfi nea mowɔ hɔ, na munni akyiri;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 kɔhyɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ mohunu AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ne Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔso no a, mo nso montu mfiri deɛ mowɔ, na monni akyire;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 maa nnipa no akwankyerɛ sɛ, “Sɛ muhu sɛ Lewifo asɔfo no so Awurade, mo Nyankopɔn Apam Adaka no a, munni wɔn akyi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 kɔhyɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ mohunu AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ne Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔso no a, mo nso montu mfiri deɛ mowɔ, na monni akyire;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 maa nnipa no akwankyerɛ sɛ, “Sɛ mohunu sɛ Lewifoɔ asɔfoɔ no so Awurade, mo Onyankopɔn Apam Adaka no a, monni wɔn akyi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 kɔhyɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ muhu AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ne Lewi asɔfo a wɔso no a, mo nso muntu mfi nea mowɔ hɔ, na munni akyiri;

Ver Capítulo Copiar




Yosua 3:3
20 Referencias Cruzadas  

Na sɛ wɔn a wɔso AWURADE adaka no tutu anammɔn asia a, ɔde nantwi ne aboa a wadɔ bɔ afɔre.


Na wɔde Onyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforo so, na wɔmaa so fii Abinadab fi a ɛwɔ koko no so na Abinadab mma Usa ne Ahio na ɛkaa teaseɛnam foforo no.


Na Israel mpanyin nyinaa bae, na asɔfo no bɛsoaa adaka no.


Na asɔfo, Lewifo no nso, ɔbarima a ɔbɛbɔ ɔhyew afɔre na wahyew aduan ayɛyɛde na wabɔ okum afɔre nna nyinaa remmɔ wɔn m’anim.


Ɛnna wotutu fii AWURADE bepɔw no ho nantew nnansa kwan, na AWURADE apam adaka no tu dii wɔn anim nnansa sɛ ɛrekɔkyerɛ wɔn asoɛe no;


Na nsra no rebetu na Aaron ne ne mma no wie akronkronne no ne kronkronbea nneɛma no nyinaa ho kata a, ɛno akyi ansa na Kohat mma no nhyɛn mu nkɔma so, na wɔanka akronkronne no amma wɔanwuwu. Eyi ne Kohat mma adwuma, ahyiae ntamadan no mu.


Ɛnna Yesu see n’asuafo no sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛnnua so, na onni m’akyi.


Na ɔkyerɛwfo bi bae bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfo, baabiara a wobɛkɔ no, medi w’akyi.


Mose hyɛɛ Lewifo a wɔso AWURADE apam adaka no sɛ:


Na Mose kyerɛw mmara yi, na ɔde maa asɔfo no, Lewi mma a wɔsoa AWURADE apam adaka no, ne Israel mpanyimfo nyinaa.


nanso munsusuw ɔkwan bɛyɛ sɛ basafa apem nto mo ne no ntam, mommmɛn no, sɛnea ɛbɛyɛ na moahu ɔkwan ko a mobɛfa so, efisɛ momfaa ɔkwan yi so pɛn.


Na Yosua ka kyerɛɛ asɔfo no sɛ: Monsoa apam adaka no nsen nni ɔman no anim. Na wɔsoaa apam adaka no dii ɔman no anim.


Na wo de, hyɛ asɔfo a wɔso apam adaka no sɛ: Sɛ mudu Yordan nsu no ano a, munnyina Yordan mu.


Na asɔfo a wɔso adaka no gyinaa Yordan mu ara de kosii sɛ wowiee asɛm a AWURADE hyɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa, sɛnea Mose hyɛɛ Yosua no nyinaa. Na ɔman no yɛɛ ntɛm twae.


Na Nun ba Yosua frɛfrɛɛ asɔfo no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsoa apam adaka no, na asɔfo baasɔn nkurakura osebɔ ntorobɛnto nni AWURADE adaka no anim.


Eyinom ne wɔn a wɔamfa mmea angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabun, wɔn na wodi Oguammaa no akyi baabiara a ɔkɔ. Eyinom na wɔagye wɔn nkwa afi nnipa mu ayɛ wɔn aba a edi kan ama Onyankopɔn ne Oguammaa no,


Na Lewifo no yii AWURADE adaka no ne adakawa a ɛka ho a sika nnwinne no wɔ mu no sisii ɔbo kɛse no so; na Bet-semesfo no bobɔɔ ɔhyew afɔre na wokunkum okum afɔre da no ara maa AWURADE.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios