Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 3:16 - KYERƐW KRONKRON

16 na nsu a efi atifi ba no gyinae bɔɔ kuw biako wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kurow a ɛwɔ Saretan nkyɛn no ho; na nsu a esian kɔ tataw mu po a ɛne Nkyene-Po no mu no twa wiei koraa. Na ɔman no twae Yeriko ntentenso.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 ɛnna nsuo a ɛfiri atifi ba no gyina bɔɔ kuo baako wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kuro a ɛwɔ Saretan nkyɛn no ho; na nsuo a ɛsiane kɔ mpaperɛ mu po a ɛne Nkyene-po no mu no twa wiee koraa. Na ɔman no twae, Yeriko ntentensoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 nsu no ano fitii ase boaa wɔ nʼatifi fam, baabi a wɔfrɛ hɔ Adam a ɛbɛn Saretan. Na nsu a ɛwɔ anafo no nso sen koguu Nkyene Po no mu kosii sɛ asu no subon no yowee. Enti, nnipa no nyinaa twaa wɔ beae bi a ɛbɛn Yeriko kuropɔn no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 ɛnna nsuo a ɛfiri atifi ba no gyina bɔɔ kuo baako wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kuro a ɛwɔ Saretan nkyɛn no ho; na nsuo a ɛsiane kɔ mpaperɛ mu po a ɛne Nkyene-po no mu no twa wiee koraa. Na ɔman no twae, Yeriko ntentensoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 asuo no ano hyɛɛ aseɛ boaa wɔ nʼatifi fam, baabi a wɔfrɛ hɔ Adam a ɛbɛn Saretan. Na asuo a ɛwɔ anafoɔ no nso tene kɔguu Nkyene Ɛpo no mu kɔsii sɛ asuo no subɔnhwa no weeɛ. Enti, nnipa no nyinaa twaa wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn Yeriko kuropɔn no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 na nsu a efi atifi ba no gyinae bɔɔ kuw biako wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kurow a ɛwɔ Saretan nkyɛn no ho; na nsu a esian kɔ tataw mu po a ɛne Nkyene-Po no mu no twa wiei koraa. Na ɔman no twae Yeriko ntentenso.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 3:16
31 Referencias Cruzadas  

Ahemfo yi nyinaa behyiae Sidim bon mu, (ɛno ne nkyene Po no).


Ahilud ba Baana wɔ Taanak ne Megido ne Bet-sean a ɛwɔ Sartan nkyɛn mu nyinaa, Yesreel ase, de fi Bet-sean kodu Abel-mehola de kɔ Yokmeam akyi;


Yordan ho asase so dɔte mu na ɔhene gui wɔ Sukot ne Sartan ntam.


Ɛpo hui, na eguanee, Yordan san n’akyi.


Ɛpo, dɛn na ɛyɛ wo na wuguan, na wo Yordan nso, wosan w’akyi yi?


AWURADE tenaa nsu a ayiri so, na AWURADE bɛtena hɔ sɛ ɔhene daa.


Ɔka po nsu boa ano kuw, ɔde ebun sie nea ɛhɔ dɔ.


Ɔmaa ɛpo dan asase kesee, wɔde anammɔn twaa asu kɛse, ɛno nti yɛn ani gye ne ho.


Wo na wuyii nsu aniwa ne asubɔnten, womaa asukɛse a ɛsen daa yowee.


Wo kwan faa po mu, ne wo tempɔn nsu pii mu, na wɔanhu w’anammɔn.


Ɔpaee po mu de wɔn twaa mu, na ɔmaa nsu no gyinae sɛ kuw.


Na Mose teɛɛ ne nsa ɛpo no so. Na AWURADE de apuei mframa dennen maa ɛpo no kɔe anadwo no nyinaa, na ɔdan po no ma ɛyɛɛ asase kesee, na nsu no mu bae.


Na Israelfo no nam asase kesee so faa ɛpo no mfinimfini, na nsu no yɛɛ wɔn ɔfasu wɔn nifa ne wɔn benkum.


Na Israelfo no nam asase kesee so faa ɛpo no mfinimfini, na nsu no yɛɛ wɔn ɔfasu wɔn nifa ne wɔn benkum.


Na wo hwene mu ahome mu na nsu no ano boae; asorɔkye gyinae sɛ ekuw, abun kyekyeree ɛpo yam.


Ɛdɛn nti na mebae, na obi nni hɔ, na mefrɛe, na obi annye so? So me nsa yɛ tiaa sɛ mintumi minnye, anaasɛ tumi a mede meyi bi nni me mu? Hwɛ, mede me nkaanim mema po yow, mema nsubɔnten danan anwea so, nsu a enni hɔ nti, emu nam porɔporɔw, na osukɔm kunkum wɔn.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsu yi fi sen kɔ apuei fam dantaban no mu na esian kɔ tataw no so, na ɛkɔ po mu; ɛpo mu na nsu a efi sen yi kɔ, na asa nsu no yare.


Ɔteɛteɛ ɛpo ma ɛyow, na ɔma nsuten nyinaa mem; Basan ne Karmel twintwam, Lebanon nhwiren nso twintwam;


Nsubɔnten so na, AWURADE w’abufuw redɛw? Ɛpo na wo bo huru tiaa no bere a wote w’apɔnkɔ so, wo nkwagye nteaseɛnam so reba no?


Mo anafo fam nkyɛn mu mfi Sin sare so Edom nkyɛn mu; na mo anafo fam hye mfi Nkyene-Po awiei wɔ apuei;


Eyi ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israel nyinaa Yordan agya sare so, Araba tataw so, Suf ntentenso, Paran ne Tofel, Laban, Haserot ne Di-sahab ntam;


ne Araba tataw so ne Yordan ne ɛho asase, efi Kineret kosi Araba tataw so po a ɛne Nkyene-Po no ano wɔ Pisga bepɔw ase apuei fam.


ne Araba so de kosi Kinerot po no ano apuei fam, na ɛde kosi Araba so po no a ɛne Nkyene-Po no ano, apuei Bet-yesimot kwan so, ne nifa fam Pisga bepɔw ase no;


Na wɔn nifa fam hye no fi Nkyene-Po no awiei no ho, dɔnnɔn a ebu fa nifa fam no ano.


na efi Yanoa sian kɔ Atarot ne Naarat, na ɛka Yeriko, na ɛkɔpem Yordan ano.


Na sɛ asɔfo a wɔso Awurade, asase nyinaa wura no, adaka no anammɔn ka Yordan nsu no ara pɛ a, Yordan mu nsu a esian fi atifi ba no betwa, na abɔ kuw agyina hɔ.


Ɛno na momma wonhu sɛ asase kesee so na Israel fae de twaa Yordan yi,


Na Amorifo ahene a wɔwɔ Yordan agya atɔe fam no nyinaa ne Kanaan ahene a wɔwɔ po ano no nyinaa tee sɛ AWURADE ayow Yordan nsu Israelfo no anim akosi sɛ wotwae no, wɔn koma tui a ɔhome bi nni wɔn mu bio Israelfo no anim.


Na wɔhyenhyɛn ntorobɛnto ahasa no. Na AWURADE maa wɔn nyinaa nkrante kyerɛkyerɛɛ wɔn yɔnkonom ne nsra no nyinaa so; na ɛdɔm no nyinaa guan kosii Bet-sita wɔ Serera, kosii Abel-mehola a ɛwɔ Tabat ho no ano.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios