Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 24:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na mesomaa Mose ne Aaron, na mehaw Misraim, sɛnea meyɛɛ wɔ mu no, na akyiri no miyii mo fii hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na mesomaa Mose ne Aaron, na mehaa Misraim, sɛdeɛ meyɛɛ no wɔ mu no, na akyire yi no meyii mo firii hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 “Na mesomaa Mose ne Aaron, na mede ɔyaredɔm a ɛyɛ hu baa Misraimfo no so na akyiri no, miyii mo fii hɔ ma munyaa ahofadi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na mesomaa Mose ne Aaron, na mehaa Misraim, sɛdeɛ meyɛɛ no wɔ mu no, na akyire yi no meyii mo firii hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 “Na mesomaa Mose ne Aaron, na mede ɔyaredɔm a ɛyɛ hu baa Misraimfoɔ no so na akyire yi, meyii mo firii hɔ ma monyaa ahofadie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na mesomaa Mose ne Aaron, na mehaw Misraim, sɛnea meyɛɛ wɔ mu no, na akyiri no miyii mo fii hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 24:5
13 Referencias Cruzadas  

Na afei bra na mensoma wo Farao nkyɛn, na koyi me man Israelfo no fi Misraim.


Nea ɔbobɔɔ Misraimfo, mmakan no, na n’adɔe wɔ hɔ daa.


Na da no ara, AWURADE yii Israelfo no fii Misraim asase so, sɛnea wɔn asafo te.


Na Israelfo no siim fii Rameses kɔɔ Sukot, wɔbɛyɛ mmarima a wɔnam fam mpem ahorow ahansia, mmofra mfra mu.


Na miyii mo agyanom fii Misraim no, mobaa po no ano; na Misraimfo de nteaseɛnam ne apɔnkɔfo tiw mo agyanom baa Mmɛw-Po no ho;


Wɔne wɔn a wɔne Misraim hene Farao kasae sɛ wobeyi Israelfo afi Misraim akɔ no, Mose ne Aaron no ni.


Na mfe ahanan aduasa no awiei no, da no ara na AWURADE asafo no nyinaa fii Misraim asase so.


na oyii ne man ma wɔde abotɔyam fii adi, ɔmaa wɔn a ɔpaw wɔn no de ahurusi kɔe.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios