Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 24:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Yosua boaboaa Israel mmusuakuw no nyinaa ano baa Sekem, na ɔfrɛɛ Israel mpanyimfo ne wɔn atitiriw ne wɔn atemmufo ne wɔn ahwɛfo no hyiae, na wobegyinaa Onyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Yosua boaboaa Israel mmusuakuo no nyinaa ano baa Sekem, na ɔfrɛɛ Israel mpanimfoɔ ne wɔn atitire ne wɔn atemmufoɔ ne wɔn ahwɛfoɔ no hyiae, na wɔbɛgyinaa Nyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Na Yosua frɛɛ Israelfo nyinaa, wɔn mpanyimfo, ntuanofo, atemmufo ne adwumayɛfo kɔɔ Sekem. Na wɔn nyinaa baa Onyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Yosua boaboaa Israel mmusuakuo no nyinaa ano baa Sekem, na ɔfrɛɛ Israel mpanimfoɔ ne wɔn atitire ne wɔn atemmufoɔ ne wɔn ahwɛfoɔ no hyiae, na wɔbɛgyinaa Nyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Na Yosua frɛɛ Israelfoɔ nyinaa, wɔn mpanimfoɔ, ntuanofoɔ, atemmufoɔ ne adwumayɛfoɔ kɔɔ Sekem. Na wɔn nyinaa baa Onyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Yosua boaboaa Israel mmusuakuw no nyinaa ano baa Sekem, na ɔfrɛɛ Israel mpanyimfo ne wɔn atitiriw ne wɔn atemmufo ne wɔn ahwɛfo no hyiae, na wobegyinaa Onyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 24:1
13 Referencias Cruzadas  

Ɔfrɛɛ Israel nyinaa, wɔn mpanyimfo ne wɔn atitiriw, ne wɔn atemmufo ne wɔn ahwɛfo no hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me de, mabɔ akora, madi nna pii.


nanso ɛnnɛ moapa mo Nyankopɔn a ɔno na ogye mo mo amane ne mo ahohia nyinaa mu no, na muse no sɛ: Dabi, na si yɛn so hene. Na afei mummegyina AWURADE anim sɛ mo mmusuakuw ne mo mpem dodow te.


Enti ntɛm ara mesoma baa wo nkyɛn; na wo nso, woayɛ no yiye sɛ woaba. Na afei yɛn nyinaa ahyia Onyankopɔn anim sɛ yɛrebetie nea Onyankopɔn ahyɛ wo nyinaa.


Na Rehoboam siim kɔɔ Sekem; na Sekem ne Israel nyinaa aba sɛ wɔrebesi no hene.


Na Abram twaam asase no so koduu baabi a wɔfrɛ hɔ Sikem, toaa so koduu More pɔw ho. Nso bere no mu no, na Kanaanfo wɔ asase no so.


Ɛnna wɔde wɔn anyame ananafo a ɛwɔ wɔn nsam nyinaa ne wɔn aso mu nkaa maa Yakob, na Yakob de koraa dupɔn bi a ɛwɔ Sekem ho no ase.


Enti monhwɛ apam yi mu nsɛm yi nni so, na nea moyɛ nyinaa awie mo yiye.


Ɛnna woyiyii Kedes wɔ Galilea, Naftali bepɔw so, ne Sekem, Efraim bepɔw so, ne Kiriat-arba a ɛne Hebron wɔ Yuda bepɔw so.


Ɛnna Israelfo nyinaa ne ɔman no nyinaa siim kɔɔ Betel, na wosui, na wɔtenaa AWURADE anim hɔ dii abuada da no de kosii anwummere, na wɔbobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre AWURADE anim.


Na ɔhene no soma ma wɔkɔboaboaa Yuda ne Yerusalem mpanyin nyinaa ano baa ne nkyɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios