Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 23:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Ɔfrɛɛ Israel nyinaa, wɔn mpanyimfo ne wɔn atitiriw, ne wɔn atemmufo ne wɔn ahwɛfo no hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me de, mabɔ akora, madi nna pii.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Yosua frɛɛ Israel nyinaa, wɔn mpanimfoɔ ne wɔn atitire ne wɔn atemmufoɔ ne wɔn ahwɛfoɔ no hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me deɛ, mabɔ akora, na madi nna pii.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 frɛɛ mpanyimfo, ntuanofo, atemmufo ne adwumayɛfo a wɔwɔ Israel nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mprempren, mabɔ akwakoraa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Yosua frɛɛ Israel nyinaa, wɔn mpanimfoɔ ne wɔn atitire ne wɔn atemmufoɔ ne wɔn ahwɛfoɔ no hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me deɛ, mabɔ akora, na madi nna pii.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 frɛɛ mpanimfoɔ, ntuanofoɔ, atemmufoɔ ne adwumayɛfoɔ a wɔwɔ Israel nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Seesei, mabɔ akɔkoraa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Ɔfrɛɛ Israel nyinaa, wɔn mpanyimfo ne wɔn atitiriw, ne wɔn atemmufo ne wɔn ahwɛfo no hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me de, mabɔ akora, madi nna pii.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 23:2
11 Referencias Cruzadas  

Na Yosua boaboaa Israel mmusuakuw no nyinaa ano baa Sekem, na ɔfrɛɛ Israel mpanyimfo ne wɔn atitiriw ne wɔn atemmufo ne wɔn ahwɛfo no hyiae, na wobegyinaa Onyankopɔn anim.


Na Dawid hyiahyiaa Israel mmapɔmma nyinaa, mmusuakuw so mmapɔmma ne nkyekyɛmu so asafohene a wɔsom ɔhene no, ne mpem so asafohene ne ɔha ha so asafohene, ne ɔhene ne ne mma ahode ne mmoa nyinaa so asafohene, wɔne mpiadifo ne nnɔmmarima a wonim akodi yiye no ne mmarima a wotumi nyinaa baa Yerusalem.


Momma mo mmusuakuw mu mpanyimfo nyinaa ne mo ahwɛfo mmɛbɔ me nkyɛn gua, na menka nsɛm yi nyinaa mingu wɔn asom, na memfrɛ ɔsoro ne asase minni wɔn adanse.


Na mo nso moahu nea AWURADE mo Nyankopɔn ayɛ amanaman yi mo anim na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔko maa mo.


Na Yosua abɔ akora na wadi mfe pii; na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ akora na woadi mfe pii, na asase a aka sɛ wɔbɛfa no da so dɔɔso bebree.


Na afei, hwɛ, ɔhene no na odi mo anim yi. Na me de, mabɔ akora na mafuw dwen, na me mma nso, hwɛ, wɔne mo na ɛwɔ hɔ; na me de, mifi me mmofraase na manantew mo anim mabedu nnɛ da yi.


Na ɔhene Dawid abɔ akora na wadi nna pii. Na sɛ wɔde ntama kata no ho mpo a, ne ho nyɛ no hyew.


Ɛno na Solomon hyiahyiaa Israel mpanyimfo ne mmusuakuw mu atitiriw, Israelfo agyanom mmapɔmma nyinaa baa ɔhene Solomon nkyɛn Yerusalem sɛ wɔrekɔ akɔfa AWURADE apam adaka no afi Dawid kurow Sion mu aba.


Na ɔboaa Israel mmapɔmma nyinaa ne asɔfo ne Lewifo no ano hyiae.


Na bobe nturo so na Ramatni Simei di, na bobe nturo no mu akorasa no so na Sifimni Sabdi di.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios