Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 2:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔno de, na ɔde wɔn akɔ ɔdan atifi na ɔde wɔn akohintaw siwabiri a ɔde aboa ɔdan no atifi no ase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na ɔno deɛ, na ɔde wɔn akɔ ɛdan atifi na ɔde wɔn akɔhunta ɛsowa a ɔde aboa ɛdan no atifi no ase.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 (Nanso, na ɔde wɔn akɔhyɛ ɔdan atifi, akohintaw ɔfo a waboa ano akuwakuw ase.)

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔno deɛ, na ɔde wɔn akɔ ɛdan atifi na ɔde wɔn akɔhunta ɛsowa a ɔde aboa ɛdan no atifi no ase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 (Nanso, na ɔde wɔn akɔhyɛ ɛdan atifi, akɔhinta ɔkyɛnkyɛn a waboa ano akuakuo ase.)

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔno de, na ɔde wɔn akɔ ɔdan atifi na ɔde wɔn akohintaw siwabiri a ɔde aboa ɔdan no atifi no ase.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 2:6
17 Referencias Cruzadas  

Na ɛbae sɛ da bi anwummere a Dawid asɔre afi ne nnae so na ɔnenam ɔhene dan atifi no, ofi ɔdan no atifi hɔ huu ɔbea bi sɛ ɔreguare na ɔbea no, wohwɛ no a, ne ho yɛ fɛ sɛ.


Na ɔbea no faa nkataso bi de kataa abura no ano, na ɔde atoko a wɔasiw trɛtrɛw so na obi anhu biribi.


So wɔnkaa nea Yesebel kum AWURADE adiyifo no, meyɛe no nkyerɛɛ me wura, sɛ mefaa AWURADE adiyifo mu mmarima ɔha, na mede wɔn aduonum aduonum misiee ɔbodan mu, na mede aduan ne nsu mehwɛɛ wɔn no?


na Yesebel retwitwa AWURADE adiyifo agu no, Obadia faa AWURADE adiyifo ha, na ɔde wɔn aduonum aduonum kosiee ɔbodan mu, na ɔde aduan ne nsu hwɛɛ wɔn.


Na ɔhene Yoram babea Yehoseba, Ahasia ne nuabea, faa Ahasia ba Yoas na owiaa no fii ɔhene mma a wɔrekum wɔn no mu de no ne ne gyigyefo kɔɔ pia mu, na wɔde no hintaw fii Atalia anim na wɔankum no.


Na ɔbea no nyinsɛnee, na ɔwoo babarima; na ohui sɛ ne ho yɛ fɛ no, ɔde no siei asram abiɛsa.


Na ɔhene no hyɛɛ ɔheneba Yerahmeel ne Asriel ba Seraia ne Abdeel ba Selemia, sɛ wɔnkɔfa ɔkyerɛwfo Baruk ne odiyifo Yeremia mmra; na AWURADE koraa wɔn so.


Nea ɔwɔ ɔdan atifi no, mma onnsian mmmɛfa biribi mmfi ne dan mu;


Sɛ wusi dan foforo a, gye wo dan no atifi ban, na obi amfi hɔ anhwe ase, na woamfa mogya ho asodi amma wo dan no so.


Na moawu, na wɔde mo nkwa aka Kristo ho ahintaw Onyankopɔn mu;


Gyidi mu na wɔwoo Mose no, n’awofo de koraa no so asram abiɛsa, efisɛ wohui sɛ abofra no ho yɛ fɛ, na wɔansuro ɔhene mmara no.


Saa ara nso na ɛnyɛ nnwuma mu na wofi buu oguamamfo Rahab bem, sɛ ogyee abɔfo no na ɔma wɔfaa ɔkwan foforo so kɔe no?


na esum durui a wɔrebɛto kurow pon no mu no, na mmarima no fii adi; minnim nea wɔkɔ: Muntiw wɔn ntɛm, na mobɛto wɔn.


Na mmarima no tiw wɔn faa Yordan kwan so de kɔɔ atwae; na wɔn a wotiw wɔn no fii adi ara pɛ, na wɔtoo kurow pon no mu.


Na wɔn de, wonnya nkɔdae no, ɔbea no foro kɔɔ wɔn nkyɛn ɔdan no atifi


Na aguaman Rahab ne n’agya fi ne nea ɔwɔ nyinaa de, Yosua gyee wɔn nkwa, na ɔtenaa Israel mu de besi nnɛ, efisɛ ɔde abɔfo a Yosua soma ma wɔkɔsraa Yeriko no hintawee.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios