Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 2:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na afei monka me AWURADE ntam sɛ, sɛ mayɛ mo yiye yi, mo nso mobɛyɛ m’agya ofi yiye, na momma me nokware sɛnkyerɛnne,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na afei monka me AWURADE ntam sɛ, sɛ mayɛ mo yie yi, mo nso mobɛyɛ m’agya fie yie, na momma me nokorɛ nsɛnkyerɛnneɛ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 “Enti momfa Awurade nka ntam nkyerɛ me se, esiane sɛ maboa mo nti, mobɛyɛ me ne mʼabusuafo adom. Momfa biribi nsi mo bɔhyɛ so se,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na afei monka me AWURADE ntam sɛ, sɛ mayɛ mo yie yi, mo nso mobɛyɛ m’agya fie yie, na momma me nokorɛ nsɛnkyerɛnneɛ,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 “Enti momfa Awurade nka ntam nkyerɛ me sɛ, ɛsiane sɛ maboa mo enti, mobɛyɛ me ne mʼabusuafoɔ adom. Momfa biribi nsi mo bɔhyɛ so sɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na afei monka me AWURADE ntam sɛ, sɛ mayɛ mo yiye yi, mo nso mobɛyɛ m’agya ofi yiye, na momma me nokware sɛnkyerɛnne,

Ver Capítulo Copiar




Yosua 2:12
24 Referencias Cruzadas  

Enti afei ka Onyankopɔn ntam kyerɛ me sɛ, worentwa me ne me mma ne me mmanana nkontompo, na, sɛ adɔe a meyɛɛ wo no te no, wode bɛyɛ me ne m'asase a woabɛyɛ ɔhɔho wɔ so yi.


na mɛma woaka AWURADE, ɔsoro ne asase Nyankopɔn, ntam sɛ: Worenware Kanaanfo a mete wɔn mu yi mmabea mu bi mma me ba.


Na ɔsomfo no de ne nsa kaa ne wura Abraham asen mu, na ɔkaa no ntam wɔ asɛm no ho.


Nanso sɛ ɛyɛ a, kae me, na sɛ esi wo yiye a, yɛ me adɔe, na bɔ me din kyerɛ Farao, na beyi me ɔdan yi mu,


Nanso ɔtew ɔhene Nebukadnesar a ɔma ɔkaa Onyankopɔn ntam no anim atua. Na osen ne kɔn na opirim ne koma sɛ ɔrensan mma AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn.


na mɛyɛ dɛn na matumi mahwɛ bɔne a ɛbɛto me manfo no? Na mɛyɛ dɛn na matumi mahwɛ me nkurɔfo sɛe?


Na mogya no nyɛ sɛnkyerɛnne mma mo, afi a mowowɔ mu no mu; na sɛ mihu mogya no a, matwa mo ho, na merebɔ Misraim asase a, amane bi amma mo so ammɛsɛe mo.


Na sɛ wobesua me man akwan yiye aka me din ho ntam sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, sɛnea wɔkyerɛɛ me man sɛ wɔnka Baal ntam no a, ɛnne wɔde wɔn besisi me man mu.


Na nea oyii no mae no ama wɔn sɛnkyerɛnne sɛ: Nea mefew n’ano no, ɔne no, monkyere no, na monso no mu yiye mfa no nkɔ!


wonni ti, apamsɛefo, wonni tema, wonni mmɔborohunu.


Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.


Na mmɔborohunu nni atemmu mu mma nea wanhu mmɔbɔ, na mmɔborohunu hoahoa ne ho di atemmu so nim.


na momma m’agya ne me na ne me nuammarimanom ne me nuammeanom ne nea wɔwɔ nyinaa nnya nkwa, na munyi yɛn mfi wu mu.


hwɛ, sɛ yɛreba ase yi so a, fa asaawa kɔkɔɔ hama yi kyekyere mfɛnsere a wode yɛn faa mu sisii fam no mu, na boa w’agya ne wo na ne wo nuanom ne w’agya fi nyinaa ano wo nkyɛn wɔ ofie ha,


na obiara a obefi adi afi wo fi pon ano akɔ abɔnten so no, ne mogya begu n’atifi, na yɛn de, yɛadi bem; na obiara a ɔwɔ wo nkyɛn ofie no, sɛ obi de ne nsa ka no a, ne mogya ngu yɛn atifi.


Na mmarima baanu a wɔkɔsraa ase no de, Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ ɔbea aguaman no fi nkɔfa ɔbea no ne nea ɔwɔ nyinaa mfi hɔ, sɛnea mokaa no ntam no.


Na Yosua ne wɔn dii no asomdwoe mu, na ɔne wɔn yɛɛ apam sɛ wɔbɛma wɔatena ase; na asafo no mu mmapɔmma kekaa wɔn ntam.


Na akwansrafo no huu ɔbarima bi a ofi kurow no mu, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛ yɛn kurow no mu ahyɛnee, na yɛne wo bedi no adɔe so.


Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: So wode me besian akɔ dɔm no nkyɛn? Na ose: Ka me Onyankopɔn sɛ worenkum me, nso woremfa me nhyɛ me wura nsa, na mede wo mesian makɔ dɔm no nkyɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios