Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 18:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfo sɛ: Da bɛn na mobɛtwentwɛn mo nan ase akosi ansa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Da bɛn na mobɛtwentwɛn mo nan ase akɔsie ansa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Enti Yosua bisaa wɔn se, “Moretwɛn akosi da bɛn ansa na moafa asase no nkae a Awurade, mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Da bɛn na mobɛtwentwɛn mo nan ase akɔsie ansa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Enti, Yosua bisaa wɔn sɛ, “Moretwɛn akɔsi da bɛn ansa na moafa asase no nkaeɛ a Awurade, mo agyanom Onyankopɔn de ama mo no?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfo sɛ: Da bɛn na mobɛtwentwɛn mo nan ase akosi ansa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?

Ver Capítulo Copiar




Yosua 18:3
15 Referencias Cruzadas  

Onihawfo kra kɔn dɔ, na onnya, na nsiyɛfo kra bɛdɔ srade.


Na wose: Momma yɛnsɔre na yɛnkɔ wɔn so, efisɛ yɛahu asase no, na hwɛ, eye papaapa. Na moayɛ komm yi ɛ? Monntwentwɛn, na monkɔ hɔ nkɔfa asase no.


Na ɛbɛyɛ anwummere nnɔnnum mu no ofii adi kohuu afoforo sɛ wogyinagyina hɔ kwa, na osee wɔn sɛ: Adɛn nti na mugyinagyina ha kwa adekyee nyinaa yi?


Onihawfo kwan te sɛ nsɔe ban, na teefo kwan yɛ petee.


Ohia behia nea ɔtwentwɛn ne nsa ase, na nsiyɛfo nsa ma wonya wɔn ho.


Ɛda no wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ: Nsuro, Sion, mmpa abaw.


Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma, na mmom aduan a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Onyankopɔn asɔ no ano.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.


Na aka Israelfo mu mmusuakuw ason a wɔnkyɛɛ agyapade mmaa wɔn.


Muntu abusuakuw biara mu nnipa baasa, na mensoma wɔn mma wɔnsɔre nkokyin asase no so, na wɔnkyerɛw ho asɛm, sɛ ɛbɛyɛ na ɛbɛyɛ wɔn agyapade, na wɔmmra me nkyɛn.


Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, na wo na wobɛkyɛ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede mɛma wɔn no mu ama ɔman yi.


Na Yosua abɔ akora na wadi mfe pii; na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ akora na woadi mfe pii, na asase a aka sɛ wɔbɛfa no da so dɔɔso bebree.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios