Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 15:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔn nifa fam hye no fi Nkyene-Po no awiei no ho, dɔnnɔn a ebu fa nifa fam no ano.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na wɔn anafoɔ fam hyeɛ no firi Nkyene Po awieeɛ no ho dɔnnɔn a ɛbu fa anafoɔ fam no ano.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Anafo fam hye no fitii ase wɔ Nkyene Po no awiei a ɛwɔ anafo fam,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na wɔn anafoɔ fam hyeɛ no firi Nkyene Po awieeɛ no ho dɔnnɔn a ɛbu fa anafoɔ fam no ano.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Anafoɔ fam ɛhyeɛ no hyɛɛ aseɛ wɔ Nkyene Ɛpo no mpoano a ɛwɔ anafoɔ fam,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔn nifa fam hye no fi Nkyene-Po no awiei no ho, dɔnnɔn a ebu fa nifa fam no ano.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 15:2
8 Referencias Cruzadas  

Ahemfo yi nyinaa behyiae Sidim bon mu, (ɛno ne nkyene Po no).


Na AWURADE bɛyow Misraim po mu nsu korakora, na ɔde ne mframa a ɛhyehye bɛwosow ne nsa akyerɛ asu Eufrate so, na wabɔ no ma adan nsuwansuwa ason na wɔde mpaboa mpo bɛfa mu.


Na ɔhye a ɛda apuei fam ne Yordan a ɛwɔ Hauran ne Damasko ne Gilead ɛne Israel asase ntam no, munsusuw mfi ɔhye no so nkɔ apuei po no ano; na ɛne ɔhye a edi apuei fam no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsu yi fi sen kɔ apuei fam dantaban no mu na esian kɔ tataw no so, na ɛkɔ po mu; ɛpo mu na nsu a efi sen yi kɔ, na asa nsu no yare.


Mo anafo fam nkyɛn mu mfi Sin sare so Edom nkyɛn mu; na mo anafo fam hye mfi Nkyene-Po awiei wɔ apuei;


Na Yudafo abusuakuw ntonto, sɛ wɔn mmusua te no, ɛtɔɔ Edom hye ho koduu Sin sare so, wɔ nifa fam asase a ɛyɛ nifa hye no awiei so.


Na ɛnam Akrabim aforoee nifa fam sen kɔ Sin, na ɛforo kɔ nifa fam wɔ Kades-barnea, na etwam kɔ Hesron, na ɛforo kɔ Adar, na ɛpono kɔ Karka.


na nsu a efi atifi ba no gyinae bɔɔ kuw biako wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kurow a ɛwɔ Saretan nkyɛn no ho; na nsu a esian kɔ tataw mu po a ɛne Nkyene-Po no mu no twa wiei koraa. Na ɔman no twae Yeriko ntentenso.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios