Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 13:9 - KYERƐW KRONKRON

9 efi Aroer a ɛda Arnon subon no kɔn so no ho ne kurow a ɛda subon no mu no, ne Medeba asasetaw no nyinaa kosi Dibon,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subonhwa no ano no ho ne kuro a ɛda subonhwa no mu no, ne Medeba asaseta no nyinaa kɔsi Dibon,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Wɔn asase no fi Aroer a ɛda Arnon Subon no ano (ne kurow a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ sare a ɛtoa Medeba so kosi Dibon.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subonhwa no ano no ho ne kuro a ɛda subonhwa no mu no, ne Medeba asaseta no nyinaa kɔsi Dibon,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Wɔn asase no firi Aroer a ɛda Arnon Subɔnhwa no ano (ne kuro a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ ɛserɛ a ɛtoa Medeba so kɔsi Dibon.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 efi Aroer a ɛda Arnon subon no kɔn so no ho ne kurow a ɛda subon no mu no, ne Medeba asasetaw no nyinaa kosi Dibon,

Ver Capítulo Copiar




Yosua 13:9
15 Referencias Cruzadas  

Na wɔn hye no fi Aroer a ɛda Arnon subon no kɔn so no ho, ne kurow a ɛda subon no mu, ne Medeba ho asasetaw no nyinaa.


Na yɛabɔ wɔn agu, Hesbon ayera akodu Dibon; yɛasɛe wɔn akɔfa Memfis de akodu Medeba.


ne Dibon ne Nebo ne Betdiblataim,


Sian fi w’anuonyam mu, na tena osukɔm asase so, Dibon babea a wote agua so. Na Moab sɛefo atu reba wo so, ɔrebɛsɛe w’aban a ɛyɛ den no.


wɔreforo akɔ Dibon ne sorɔnsorɔmmea akosu, Nebo ne Medeba; Moab retwa adwo, wɔn nyinaa abobɔ tikwaw wɔn nyinaa ayiyi wɔn bogyesɛ;


Amorifo hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a odii hene fi Aroer a ɛda Arnon subon kɔn so ne subon no mfinimfini ne Gilead fa de kosi Yabok subon a ɛne Amonfo hye no ano,


Na Rubenfo ne Gadfo no, memaa wɔn Gilead fa bi, ekodu Arnon subon ho a subon no mfinimfini ne ɔhye, de kɔpem Yabok subon no, Amon mma hye so,


Na yɛfaa asase yi saa bere no; efi Aroer a ɛda Arnon subon so, ne Gilead bepɔw fa ne ne nkurow na mede memaa Rubenfo ne Gadfo,


Efi Aroer a ɛda Arnon subon kɔn so ne kurow a ɛda subon no mu no so de kosi Gilead, kurow biara nni hɔ a ɛyɛ den sen yɛn; AWURADE yɛn Nyankopɔn de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa.


Ne fa nso ne Rubenfo ne Gadfo anya wɔn agyapade a Mose de maa wɔn Yordan agya apuei no, sɛnea AWURADE akoa Mose de maa wɔn no,


ne Amorifo hene Sihon a odii hene Hesbon no nkurow no de kosi Amonfo hye so,


Na wokotwaa Yordan, na wɔkɔsoɛɛ Aroer, kurow bi a ɛda Gad subon no mu a ɛkyerɛ Gad na ɛkɔ Yaser no,


na wogyee nteaseɛnam ɔpeduasa abien ne Maaka hene ne ne man adɔm, na wɔbae bɛbɔɔ nsra Medeba anim, na Amonfo no nso fii wɔn nkurow mu boaboaa wɔn ho ano baa akono hɔ.


Na wɔn adɔsaase so nkuraa no de, Yudafo no mu bi tenatenaa Kiriat-arba ne ɛho nkurowa mu, ne Dibon ne ɛho nkurowa mu, ne Yekabseel ne ɛho nkuraa mu,


Na ɔsɛefo bɛba nkurow nyinaa so, na kurow biara remfi mu mfi; na abon bɛyera, na asasetaw nso asɛe, sɛnea AWURADE kae no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios