Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 13:5 - KYERƐW KRONKRON

5 ne Gebalfo asase, ne Lebanon nyinaa wɔ owiapuei de fi Baal-gad a ɛwɔ Hermon bepɔw ase de kosi Hamat fam;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 ne Gebalfoɔ asase ne Lebanon nyinaa wɔ owiapueeɛ de firi Baal-gad a ɛwɔ Hermon bepɔ aseɛ de kɔsi Hamat fam;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 ne Gebalfo asase ne Lebanon nyinaa wɔ apuei fam, de fi Baal-Gad a ɛda Hermon bepɔw ase, de kosi Hamat fam.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 ne Gebalfoɔ asase ne Lebanon nyinaa wɔ owiapueeɛ de firi Baal-gad a ɛwɔ Hermon bepɔ aseɛ de kɔsi Hamat fam;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 ne Gebalfoɔ asase ne Lebanon nyinaa wɔ apueeɛ fam, de firi Baal-Gad a ɛda Hermon bepɔ ase, de kɔsi Hamat fam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 ne Gebalfo asase, ne Lebanon nyinaa wɔ owiapuei de fi Baal-gad a ɛwɔ Hermon bepɔw ase de kosi Hamat fam;

Ver Capítulo Copiar




Yosua 13:5
14 Referencias Cruzadas  

Na Solomon abantofo ne Hiram abantofo ne Gebalfo no sinsenee, na wosiesiee nnua ne abo sɛ wɔde besi ɔdan no.


Na eyinom ne asase no so ahene a Yosua ne Israelfo kunkum wɔn Yordan agya atɔe fam, fi Baal-gad a ɛda Lebanon bon no mu de kosi bepɔw a ɛso petee a ɛforo de kɔ Seir no ho; na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuw sɛ wonni so, sɛ wɔn nkyekyem no te,


Gebal mpanyin ne emu anyansafo nso wɔ wo mu repempam w’agowagow; ɛpo so ahyɛn nyinaa ne wɔn hyɛn mufo wɔ wo mu di w’aguade ho nsesagua


Gebal ne Amon ne Amalek, Filistifo asase ne wɔn a wɔte Tiro.


efi bepɔw a ɛso petee a ɛforo kɔ Seir ho kosi Baal-gad, Lebanon bon no mu, Hermon bepɔw ase. Na wɔn ahene no nyinaa, Yosua faa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn kunkum wɔn.


na mumfi Hor bepɔw ho nkari nea wɔfa kɔ Hamat, na ɔhye no ano nkɔpem Sedad.


Monsen nkɔ Kalne nkɔhwɛ, na mumfi hɔ nkɔ Hamat kɛse, na munsian nkɔ Filistifo Gat. So woye sen ahenni yi, anaasɛ wɔn hye mu trɛw sen mo hye?


So Kalno nte sɛ Karkemis, na Hamat nte sɛ Arpad, na Samaria nte sɛ Damasko?


Mesrɛ wo, ma mintwa menkɔhwɛ asase pa a ɛwɔ Yordan agya no, bepɔw asase fɛfɛ no ne Lebanon.


Bepɔw yi ho tena adɔɔ mo so; monnan mo ho ntu nkɔ Amorifo bepɔw ne nsase a ɛbemmɛn ho wɔ Araba tataw so no so, bepɔw so ne tataw so ne nifa fam ne mpoano nyinaa, Kanaanfo asase so ne Lebanon so nkodu asu kɛse, asubɔnten Eufrate, ho.


Na wosiim kɔe kɔsraa asase no fi Sin sare so kosii Rehob, nea wɔnam kɔ Hamat no.


Kanaanfo a wɔwɔ Apuei ne atɔe ne Amorifo ne Hetifo ne Perisifo ne mmepɔw so Yebusifo ne Hewifo a wɔwɔ Hermon bepɔw ase, Mispa asase so no nkyɛn.


Na Solomon dii nnapɔnna no ɛbere no mu, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛse, wofi nea wɔrekɔ Hamat de besi Misraim subon ano, wodii AWURADE yɛn Nyankopɔn anim nnapa nnawɔtwe abien.


Na wɔkyeree ɔhene no de no kɔmaa Babel hene wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na ɔne no yii ntɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios