Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 13:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Na wɔn hye no fi Aroer a ɛda Arnon subon no kɔn so no ho, ne kurow a ɛda subon no mu, ne Medeba ho asasetaw no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na wɔn hyeɛ no firi Aroer a ɛda Arnon subonhwa no ano no ho ne kuro a ɛda subonhwa no mu ne Medeba ho asaseta no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Wɔn asase no fi Aroer a ɛda Arnon Subon no ano (ne kurow a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ sare a ɛtoa Medeba so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Na wɔn hyeɛ no firi Aroer a ɛda Arnon subonhwa no ano no ho ne kuro a ɛda subonhwa no mu ne Medeba ho asaseta no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Wɔn asase no firi Aroer a ɛda Arnon Subɔnhwa no ano (ne kuro a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ ɛserɛ a ɛtoa Medeba so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na wɔn hye no fi Aroer a ɛda Arnon subon no kɔn so no ho, ne kurow a ɛda subon no mu, ne Medeba ho asasetaw no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 13:16
18 Referencias Cruzadas  

efi Aroer a ɛda Arnon subon no kɔn so no ho ne kurow a ɛda subon no mu no, ne Medeba asasetaw no nyinaa kosi Dibon,


Amorifo hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a odii hene fi Aroer a ɛda Arnon subon kɔn so ne subon no mfinimfini ne Gilead fa de kosi Yabok subon a ɛne Amonfo hye no ano,


Na Hesbon ne Eleale teɛm ma wɔte wɔn nne kodu Yahas, eyi nti na Moab akofo teɛm dennen; ne kra ho popo.


Na yɛfaa asase yi saa bere no; efi Aroer a ɛda Arnon subon so, ne Gilead bepɔw fa ne ne nkurow na mede memaa Rubenfo ne Gadfo,


Na Mose maa Ruben mma abusuakuw no sɛ wɔn mmusua te.


Hesbon ne ne nkurow a ɛdeda asasetaw no so nyinaa; Dibon ne Bamot-baal ne Bet-baal-meon,


ne wɔn a wɔwɔ Aroer ne wɔn a wɔwɔ Sifmot ne wɔn a wɔwɔ Estemoa,


Na wokotwaa Yordan, na wɔkɔsoɛɛ Aroer, kurow bi a ɛda Gad subon no mu a ɛkyerɛ Gad na ɛkɔ Yaser no,


na wogyee nteaseɛnam ɔpeduasa abien ne Maaka hene ne ne man adɔm, na wɔbae bɛbɔɔ nsra Medeba anim, na Amonfo no nso fii wɔn nkurow mu boaboaa wɔn ho ano baa akono hɔ.


na Hesbon ne Amorifo hene Sihon kurow, ɔno na ɔne kan Moab hene koe, na ogyee ne nsam nsaase nyinaa kosii Arnon ano.


Na Mose ama mmusuakuw abien ne fa no agyapade wɔ Yordan agya, na Lewifo de, wamma wɔn agyapade bi wɔ wɔn mu.


Na Lewifo de wɔrenya mo mu kyɛfa bi, efisɛ AWURADE asɔfodi no ne wɔn agyapade; na Gad ne Ruben ne Manase abusuakuw fa no anya wɔn agyapade, Yordan agya apuei a AWURADE akoa Mose de maa wɔn no.


Bere a Israel tenaa Hesbon ne ɛho nkurow ne Aroer ne ɛho nkurow ne Arnon ho nkurow nyinaa mu mfirihyia ahasa no, ɛdɛn nti na moannye saa bere no?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios