Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 12:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na eyinom ne asase no so ahene a Israelfo no kunkum wɔn na wodii wɔn asase so wɔ Yordan agya owiapuei hɔ, fi Arnon subon ho de kosi Hermon bepɔw ho ne Araba a ɛwɔ apuei no nyinaa so:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na yeinom ne asase no so ahemfo a Israelfoɔ no kunkumm wɔn na wɔdii wɔn asase soɔ wɔ Yordan agya deɛ owiapueeɛ hɔ, firi Arnon subonhwa ho de kɔsi Hermon bepɔ ho ne Araba a ɛwɔ apueeɛ no nyinaa so,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Eyinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apuei fam a wokunkum wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no fi Arnon Subon kosi Bepɔw Hermon so a Yordan Bon asase a ɛwɔ apuei fam nyinaa ka ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na yeinom ne asase no so ahemfo a Israelfoɔ no kunkumm wɔn na wɔdii wɔn asase soɔ wɔ Yordan agya deɛ owiapueeɛ hɔ, firi Arnon subonhwa ho de kɔsi Hermon bepɔ ho ne Araba a ɛwɔ apueeɛ no nyinaa so,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yeinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a wɔkunkumm wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no firi Arnon Subɔnhwa kɔsi Bepɔ Hermon so a Yordan Bɔnhwa asase a ɛwɔ apueeɛ fam nyinaa ka ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na eyinom ne asase no so ahene a Israelfo no kunkum wɔn na wodii wɔn asase so wɔ Yordan agya owiapuei hɔ, fi Arnon subon ho de kosi Hermon bepɔw ho ne Araba a ɛwɔ apuei no nyinaa so:

Ver Capítulo Copiar




Yosua 12:1
24 Referencias Cruzadas  

Uri ba Geber wɔ Gilead asase so, Amorifo hene Sihon ne Basan hene Og asase so, na tow sohwɛfo biako na ɔwɔ asase no so.


Ɛte sɛ bosu a efi bepɔw Hermon so a esian gu Sion mmepɔw so, na ɛhɔ na AWURADE ahyɛ nhyira, Yiw nkwa a enni awiei.


Na ɔde wɔn asase mae sɛ agyapade, na n’adɔe wɔ hɔ daa.


Atifi fam ne Anafo fam, wo ara na wobɔe, Tabor ne Hermon di wo din mu ahurusi.


Na Moab mmabaa bɛyɛ sɛ nnomaa a wotu kyini, sɛ berebuw a wɔayi, Arnon asutwaree.


Ɛhɔ na wofi tu kɔbɔɔ nsra wɔ asubɔnten Arnon a ɛsen sare so a efi Amori hye so no agya, efisɛ Arnon ne ɔhye a ɛda Moab ne Amori ntam.


Na Israel somaa abɔfo kɔɔ Amorifo hene Sihon nkyɛn se:


Na Israel kum no nkrante ano faa n'asase fi Arnon kɔɔ Yabok so koduu Amonfo ho, efisɛ Amonfo no hye so hɔ yɛ den.


Na yɛne wɔn remfa agyapade wɔ Yordan agya ne akyiri, efisɛ yɛn agyapade abefi Yordan agya ha wɔ apuei fam ama yɛn.


Yɛn de, yebemia adi AWURADE anim atwam akɔ Kanaan asase so, na yɛn agyapade a yɛanya Yordan agya ha no atena yɛn hɔ.


Ɛnna Mose de Amorifo hene Sihon ahenni ne Basan hene Og ahenni, asase no ne n'ahye mu nkurow, asase no so nkurow a atwa ahyia nyinaa maa Gad mma ne Ruben mma ne Yosef ba Manase abusuakuw fa.


Monsɔre ntu nkotwa Arnon subon; hwɛ, mede Hesbonhene Sihon a ɔyɛ Amorini no ne n’asase mahyɛ wo nsa; fi ase di so na wo ne no nni aperepere na monko.


Ɛnna Sihon fi behyiaa yɛn, ɔno ne ne man nyinaa, sɛ ɔne yɛn rebɛko wɔ Yahas.


Ɛnna yɛdan yɛn ani foro kɔɔ Basan kwan so; na Basan hene Og fi behyiaa yɛn, ɔno ne ne man nyinaa ne yɛn bɛkoe wɔ Edrei.


Na eyi ne mmara a Mose de too Israelfo anim.


Yordan agya, obon no mu, Bet-peor ntentenso, Amorifo hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a Mose ne Israelfo fi Misraim bae no, wokum no no asase so.


efi Aroer a ɛda Arnon subon kɔn so kosi Sion bepɔw a ɛne Hermon ho,


nkosi sɛ AWURADE de mo nuanom bɛtena ase sɛ mo, na wɔn nso wobedi asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema wɔn no so ansa na moasan aba mo sodi asase no so abedi so, sɛ AWURADE akoa Mose de maa mo, Yordan agya owiapuei hɔ no.


efi bepɔw a ɛso petee a ɛforo kɔ Seir ho kosi Baal-gad, Lebanon bon no mu, Hermon bepɔw ase. Na wɔn ahene no nyinaa, Yosua faa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn kunkum wɔn.


Kanaanfo a wɔwɔ Apuei ne atɔe ne Amorifo ne Hetifo ne Perisifo ne mmepɔw so Yebusifo ne Hewifo a wɔwɔ Hermon bepɔw ase, Mispa asase so no nkyɛn.


Ne fa nso ne Rubenfo ne Gadfo anya wɔn agyapade a Mose de maa wɔn Yordan agya apuei no, sɛnea AWURADE akoa Mose de maa wɔn no,


Na afei AWURADE mo Nyankopɔn de mo nuanom atena ase dwoodwoo, sɛnea ɔka kyerɛɛ wɔn no; enti monsan nkɔ mo ntamadan mu, mo agyapade asase a AWURADE akoa Mose de maa mo Yordan agya no so.


Na wɔnantew sare so kotwaa Edom asase ne Moab asase ho kɔntɔnkrɔn, na wobefii Moab asase no apuei, na wɔbɛbɔɔ nsra Arnon agya noho, na wɔamma Moab asase so, efisɛ Arnon ne Moab hye.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios