Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 11:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na Yosua yɛɛ wɔn sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ no no: Wɔn apɔnkɔ no, otwitwaa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, ɔde gya hyewee.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na Yosua yɛɛ wɔn sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no, wɔn apɔnkɔ no, ɔtwitwaa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, ɔde ogya hyee.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛnna Yosua bubuu apɔnkɔ no anan, san hyew nteaseɛnam no sɛnea Awurade hyɛɛ wɔn no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na Yosua yɛɛ wɔn sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no, wɔn apɔnkɔ no, ɔtwitwaa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, ɔde ogya hyee.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛnna Yosua bubuu apɔnkɔ no nan, sane hyee nteaseɛnam no sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na Yosua yɛɛ wɔn sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ no no: Wɔn apɔnkɔ no, otwitwaa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, ɔde gya hyewee.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 11:9
6 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn anim, na ɔkyena sesɛbere, me na mɛma woakum wɔn nyinaa, Israel anim. Wɔn apɔnkɔ no, twitwa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, fa ogya hyew.


Me kra, nnkɔ wɔn agyina mu, na m'anuonyam, nkɔfra wɔn asafo mu. Efisɛ wɔn abufuw mu na wokum nnipa, na wɔn ahupoo mu na wɔsɛee anantwi.


Na Dawid kyeree wɔn mu apɔnkɔsotefo apem ahansɔn ne anammɔnmufo ɔpeduonu na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini na ogyaw wɔn mu nteaseɛnam ɔha de.


Hwɛ, me ne wo anya, asafo AWURADE asɛm ni, na mɛma ne nteaseɛnam ahyew owusiw mu, na afoa bedi w’agyataforo no; na metwa w’afow ade no afi asase so, na wɔrente w’abɔfo no nne bio.


Monyɛ komm na munhu sɛ mene Nyankopɔn. Wɔmma me so, amanaman mu, wɔmma me so, asase so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios