Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 11:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na AWURADE de wɔn hyɛɛ Israel nsa na wokunkum wɔn na wɔtaa wɔn de koduu Sidon kɛse ne Misrefot-maim ho ne Mispa obon no mu, apuei fam, na wokunkum wɔn de kosii sɛ wɔannyaw wɔn oguanfo bi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na AWURADE de wɔn hyɛɛ Israel nsa na wɔkunkumm wɔn na wɔtaa wɔn de kɔduruu Sidon kɛseɛ ne Misrefot-maim ho ne Mispa bonhwa no mu apueeɛ fam, na wɔkunkum wɔn de kɔsii sɛ wɔannya wɔn odwanefoɔ biara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Na Awurade ma wodii wɔn atamfo no so nkonim. Israelfo no taa wɔn ara kosii Sidon Kɛse ne Misrefot-Maim ho ne Mispa Bon no mu wɔ apuei fam, kosii sɛ atamfo no akofo baako mpo anka.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na AWURADE de wɔn hyɛɛ Israel nsa na wɔkunkumm wɔn na wɔtaa wɔn de kɔduruu Sidon kɛseɛ ne Misrefot-maim ho ne Mispa bonhwa no mu apueeɛ fam, na wɔkunkum wɔn de kɔsii sɛ wɔannya wɔn odwanefoɔ biara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Na Awurade ma wɔdii wɔn atamfoɔ no so nkonim. Israelfoɔ no taa wɔn ara kɔsii Sidon Kɛseɛ ne Misrefot-Maim ho ne Mispa Bɔnhwa no mu wɔ apueeɛ fam, kɔsii sɛ atamfoɔ no akofoɔ baako mpo anka.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na AWURADE de wɔn hyɛɛ Israel nsa na wokunkum wɔn na wɔtaa wɔn de koduu Sidon kɛse ne Misrefot-maim ho ne Mispa obon no mu, apuei fam, na wokunkum wɔn de kosii sɛ wɔannyaw wɔn oguanfo bi.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 11:8
13 Referencias Cruzadas  

wɔn a wote bepɔw no so nyinaa, de fi Lebanon ho de kosi Misrefot-maim, Sidonfo nyinaa; me ara, metu wɔn afi Israelfo anim; ɛso ntonto nko na bɔ ma Israel na wɔmfa nni so, sɛnea mehyɛɛ wo no.


ne Ebron ne Rehob ne Hamon ne Kana de kosi Sidon Kɛse.


Na saa ara na ɔbɛyɛ Hamat, Tiro ne Sidon, sɛ wosusuw sɛ wonim nyansa mpo a.


Na AWURADE maa wɔn asomdwoe hyiae, sɛnea ɔkaa wɔn agyanom ntam no ara, na wɔn atamfo nyinaa mu biara annyina wɔn anim; AWURADE de wɔn atamfo no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.


Kanaanfo a wɔwɔ Apuei ne atɔe ne Amorifo ne Hetifo ne Perisifo ne mmepɔw so Yebusifo ne Hewifo a wɔwɔ Hermon bepɔw ase, Mispa asase so no nkyɛn.


Sebulon tenabea bɛkyerɛ mpoano, na wahwɛ nea ahyɛn gyinagyina, na ɔne Sidon abɔ ɔhye.


Kanaan woo n'abakan Sidon, Het,


Ɛnna Yosua ne akofo dɔm a wɔka ne ho no nyinaa baa wɔn so mpofirim, Merom asu no ano, bɛtoaa wɔn.


Sidon, ma w’ani nwu; na ɛpo, po mu abankɛse, ka sɛ: Mankyem na manwo mma da, na manyɛn mmerante na manturu mmabaa.


na AWURADE wo Nyankopɔn yi wɔn ma wo ma wukum wɔn a, ɛnne sɛe wɔn pasaa, wo ne wɔn mmpam, na nhu wɔn mmɔbɔ;


Na hu nnɛ sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne nea odi w’anim retwa, sɛ ogya a ɛhyew; ɔno na ɔbɛsɛe wɔn, na wabrɛ wɔn ase, w’anim, na watu wɔn asɛe wɔn ntɛm, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ wo no.


Na Yosua ne Israelfo no de okum kɛse pa kunkum wɔn wiei ma wɔsae, na nnipa a wofii mu no guanguan kɔhyɛnhyɛn nkurow a wɔatoto ho afasu mu no,


na wɔkɔɔ Gilead ne Kades a ɛwɔ Hitifo asase so ne Tatim-hodsi asase so, na wɔkɔɔ Dan fi hɔ kɔɔ Dan-yaan ne Sidon.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios