Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 11:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na wɔne wɔn dɔm a ɛka wɔn ho no nyinaa fi bae, nnipa pepeankama a wɔn dodow te sɛ mpoano anwea, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam pii pa ara.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na wɔn ne wɔn dɔm a ɛka wɔn ho no nyinaa firi bae, nnipa pepeankoma a wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam pii pa ara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Saa ahemfo yi nyinaa gyee pene, boaboaa wɔn nsraadɔm ano sɛ wɔbɛka abɔ mu ako atia Israel. Wɔn nsraadɔm no nyinaa apɔnkɔ dodow ne nteaseɛnam yɛɛ asase no so ma te sɛ mpoano nwea.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na wɔn ne wɔn dɔm a ɛka wɔn ho no nyinaa firi bae, nnipa pepeankoma a wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam pii pa ara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Saa ahemfo yi nyinaa gyee pene, boaboaa wɔn akodɔm ano sɛ wɔbɛka abɔ mu ako atia Israel. Wɔn akodɔm no nyinaa, apɔnkɔ dodoɔ ne nteaseɛnam yɛɛ asase no so ma te sɛ mpoano anwea.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na wɔne wɔn dɔm a ɛka wɔn ho no nyinaa fi bae, nnipa pepeankama a wɔn dodow te sɛ mpoano anwea, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam pii pa ara.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 11:4
8 Referencias Cruzadas  

Na Midian ne Amalek ne apueifo no nyinaa boaboa wɔn ho ano wɔ obon no mu a wɔn dodow te sɛ mmoadabi, na wɔn yoma nni ano, wɔn dodow te sɛ mpoano nwea.


Na Filistifo boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔne Israel rebɛko: Nteaseɛnam ɔpeduasa ne apɔnkɔfo mpemnsia ne dɔm a ne dodow te sɛ mpoano anwea. Na wɔforo bae bɛbɔɔ nsra Mikmas, Bet-awen apuei.


Wo na wokae sɛ: Yiye na mɛyɛ wo, na mɛma w'asefo ayɛ sɛ mpoano anwea a dodow nti wontumi nkan.


Nhyira na mehyira wo, na ɔdɔ na mɛma w'asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano nwea, na w'asefo bɛfa wɔn atamfo nkurow ano apon adi so;


Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano nwea dodow, wodidi na wɔnom, na wɔn ani gye.


Enti meretu wo fo sɛ: Boaboa Israel nyinaa ano wɔ wo nkyɛn fi Dan kosi Beer-seba, sɛ mpoano awea dodow, na w’ankasa kɔ ɔsa no.


Na ahene yi nyinaa behyiae, na wɔbae bɛkyekyeree nsraban faako, Merom asu ho, sɛ wɔne Israel rebɛko.


Wɔn de, wobubu duedue so hwehwe ase, na yɛn de, yɛasɔre gyina hɔ kyerebenn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios